Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Ester 6:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Ɛnna ɔhene no kae sɛ: Anuonyam bɛn na wɔahyɛ Mordekai na dibea bɛn na wɔama no eyi ho? Na ɔhene asomfo a wɔsom no no kae sɛ: Wɔnyɛɛ hwee mmaa no ɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Ɛnna ɔhene no kaa sɛ: Anidie bɛn na wɔadi Mordekai, na dibea bɛn na woama no yei ho? Na ɔhene mmeranteɛ a wɔsom no no kaa sɛ: Wɔnyɛɛ hwee mmaa no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Ɔhene no bisae se, “Dɛn akatua anaa nkae ade bɛn na wɔde ama Mordekai wɔ eyi ho?” Asomfo no buae se, “Wɔnyɛɛ hwee mmaa no ɛ.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Ɛnna ɔhene no kaa sɛ: Anidie bɛn na wɔadi Mordekai, na dibea bɛn na woama no yei ho? Na ɔhene mmeranteɛ a wɔsom no no kaa sɛ: Wɔnyɛɛ hwee mmaa no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Ɔhene no bisaa sɛ, “Ɛdeɛn akatua anaa nkaeɛ adeɛ bɛn na wɔde ama Mordekai wɔ yei ho?” Asomfoɔ no buaa sɛ, “Wɔnyɛɛ hwee mmaa no.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Ester 6:3
12 Iomraidhean Croise  

Nanso nsahyɛfo so panyin no ankae Yosef, na ne werɛ fii no.


Na Dawid kae sɛ: Obiara a obekum Yebusifo kan no, ɔbɛyɛ otitiriw ne ɔsafohene. Ɛnna Seruia ba Yoab foro kɔe kan, na ɔyɛɛ otitiriw.


Na wohui sɛ wɔakyerɛw sɛ Mordekai na ɔbɛkaa Bigtana ne Teres, ɔhene mpiafo baanu a wɔhwɛ ɔpon ano a wɔpɛe sɛ wokum ɔhene Ahas-weros no ho asɛm no.


Na ɔhene kae sɛ: Hena na ɔwɔ abangua no so? Nso na Haman aba ɔhene fi akyiri abangua no so sɛ ɔrebɛka akyerɛ ɔhene na wɔasɛn Mordekai, dua a wasi ama no no so.


na wohuu emu barima hiani nyansafo bi, na ɔde ne nyansa no gyee kurow no; nso obiara ankae onipa hiani no.


Na mate wo nka sɛ wutumi kyerɛ nsɛm ase na wosan apɔw. Na sɛ wutumi kan kyerɛw no kyerɛ me ase a, wobefura wo ɔtankɔkɔɔ de sika ntweaban agu wo kɔn mu, na woayɛ nea ɔto so abiɛsa adi ahenni yi mu tumi.


Ɛnna Belsasar kae ma wofuraa Daniel ɔtankɔkɔɔ, na wɔde sika ntweaban guu ne kɔn mu, na wɔbɔɔ ne ho dawuru sɛ, ɔbɛyɛ nea ɔto so abiɛsa adi ahenni no mu tumi.


Ɔhene no teɛɛm dennen sɛ wɔmfa pɛadeahufo, Kaldeafo ne nyankonnekyerɛfo mmra; ɔhene no ka kyerɛɛ Babel anyansafo no sɛ: Obiara a ɔbɛkan kyerɛw yi na wakyerɛ me ase no, wobefura no ɔtankɔkɔɔ, na wɔde sika kɔkɔɔ ntweaban agu ne kɔn mu, na wayɛ nea ɔto so abiɛsa adi ahenni yi mu tumi.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan