Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Ester 6:12 - KYERƐW KRONKRON

12 Na Mordekai san baa ɔhene ponkɛse no mu, na Haman yɛɛ ntɛm de abooboodi kɔɔ ne fi, wɔ animguase mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 Na Mordekai sane baa ɔhene ponkɛseɛ no mu, na Haman yɛɛ ntɛm de abooboodie kɔɔ ne fie, wɔ animguaseɛ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Akyiri no, Mordekai san kɔɔ ahemfi hɔ pon no ano, na Haman de ɔyaw a ano yɛ den ne aniwu yɛɛ ntɛm kɔɔ fie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

12 Na Mordekai sane baa ɔhene ponkɛseɛ no mu, na Haman yɛɛ ntɛm de abooboodie kɔɔ ne fie, wɔ animguaseɛ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Akyire yi, Mordekai sane kɔɔ ahemfie hɔ ɛpono no ano, na Haman de ɔyea a ano yɛ den ne aniwuo yɛɛ ntɛm kɔɔ efie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Ester 6:12
14 Iomraidhean Croise  

Na Dawid foroo Ngo-bepɔw, na ɔreforo no na ɔde su, na wakata ne ti na ɔnam anammɔn hunu mu; na nnipa a wɔne no nam no nyinaa akatakata wɔn ti na wɔreforo no na wɔresu.


Na Ahitofel hui sɛ wɔanni n’afotu so no, ɔhyehyɛɛ n’afurum, na ɔsɔre kɔɔ ne kurom. Na ɔtotoo n’afisɛm, na ɔkɔsɛn ne mene wui, na wosiee no n’agya da mu.


Ɛnna Israel hene no siim kɔɔ ne fi, wakum n’anim na ne bo afuw, na ɔbaa Samaria.


Ɛnna Ahab kɔɔ ne fi, a na wakum n’anim na odi yaw, Yesreelni Nabot asɛm a ɔka kyerɛɛ no no nti, sɛ osee no sɛ: Meremfa m’agyanom awunnyade memma wo. Na ɔdaa ne mpa so dan n’ani, na wannidi.


Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Efisɛ me ne Yesreelni Nabot kasae, na misee no sɛ: Fa wo bobeturo no ma me gye sika, anaasɛ nso sɛ wopɛ a, mɛma wo bobeturo mahyɛ ananmu. Na ose: Meremfa me bobeturo no memma wo.


Na ɔsɔfo panyin Asaria dan n’ani kyerɛɛ no, ɔne asɔfo no nyinaa, na hwɛ, wayare kwata ne moma so, na wopiapiaa no fii hɔ, na ɔno ara nso yɛɛ ntɛm fii adi, efisɛ AWURADE aka no.


Na wohyiahyiaa mmabaa no ne mprenu so no, na Mordekai te ɔhene ponkɛse no mu.


Na Haman faa atade no ne ɔpɔnkɔ no, na ɔde hyɛɛ Mordekai, na ɔde no tenaa ɔpɔnkɔ no so de no faa kurow no abɔnten no so, na ɔpae dii n’anim sɛ: Sɛɛ na wɔyɛ onipa a ɔhene pɛ no nidi no.


Na ɔhene no san fii ahemfi turo no mu baa apontow no ase, na Haman ahwe nnae a Ester wɔ so no so. Na ɔhene kae sɛ: So ɔrebɛhyɛ ɔhemmea po ne no ada wɔ m’anim, wɔ me ara me fi ha nso? Asɛm no fii ɔhene anom ara pɛ, na wɔkataa Haman ti.


sɛ abɔnefo ahurusidi nkyɛ, na nyaatwomfo anigye yɛ bere tiaa bi nko?


Wɔde asase ahyɛ ɔbɔnefo nsa, ɔkata n’atemmufo ani; sɛ ɛnyɛ ɔno a, na ɛyɛ hena?


Na Samuel dae koduu anɔpa, na ohiɛhiɛɛ AWURADE fi apon no. Na Samuel suroe sɛ ɔbɛka ade a ohui no akyerɛ Eli.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan