Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Ester 6:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Anadwo no, ɔhene anna, na ɔkae sɛ wɔmfa beresosɛm nkae nhoma no mmra; na wɔbɛkenkanee ɔhene anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Anadwo no ɔhene anna, na ɔkaa sɛ wɔmfa berɛsosɛm nkaeɛ nwoma no mmra. Na wɔbɛkenkann no ɔhene anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Saa anadwo no, ɔhene no antumi anna, nti ɔmaa ɔsomfo bi kɔfaa nʼahemman mu abakɔsɛm nkrataa bae sɛ wɔnkenkan nkyerɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

1 Anadwo no ɔhene anna, na ɔkaa sɛ wɔmfa berɛsosɛm nkaeɛ nwoma no mmra. Na wɔbɛkenkann no ɔhene anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Saa anadwo no, ɔhene no antumi anna, enti ɔmaa ɔsomfoɔ bi kɔfaa nʼahemman mu abakɔsɛm nkrataa baeɛ sɛ wɔnkenkan nkyerɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Ester 6:1
12 Iomraidhean Croise  

Na Abraham too beae hɔ din sɛ Yahwe-Yire. Enti wɔka nnɛ ara sɛ AWURADE bepɔw so na wɔbehwɛ.


Na ne tumi ne ne mmaninyɛ nneyɛe ne Mordekai kɛse a ɔhene no maa no yɛe no ho asɛm no, wɔankyerɛw Media ne Persia Ahemfo Berɛsosɛm Nhoma no mu?


Nna a Mordekai te ɔhene ponkɛse no mu no, Bigtan ne Teres, ɔhene mpiafo baanu a wofi wɔn a wɔwɛn ɔpon ano no mu no, bo hurui, na wɔhwehwɛe sɛ anka wokum ɔhene Akas-weros.


Na Mordekai tee asɛm no, na ɔkɔka kyerɛɛ ɔhemmea Ester, na Ester de Mordekai din kɔka kyerɛɛ ɔhene.


Ɛnna wɔhwehwɛɛ asɛm no mu, na wohui, na wɔsensɛn wɔn baanu no dua so. Na wɔkyerɛw hyɛɛ Berɛsosɛm Nhoma no mu ɔhene anim.


sɛ m’anim aba nyam ɔhene anim na sɛ ɔhene pɛ sɛ ɔbɛma ade a meresrɛ na wayɛ nea merehwehwɛ no a, ɔhene ne Haman mmra ɔpon a merebɛtow wɔn no ase. Na ɔkyena mɛyɛ sɛ ɔhene aka no.


Mmɔborɔfo ne ahiafo a wɔhwehwɛ nsu na ebi nni hɔ a osukɔm nti wɔn tɛkrɛma so awo no, me, AWURADE, megye wɔn so, me, Israel Nyankopɔn, merennyaw wɔn.


Na Nebukadnesar ahenni afe a ɛto so abien no, ɔsosoo adae bi, na ne honhom ho yeraw no, na n’ani saree dwe.


Ɛnna ɔhene kɔɔ n’aban mu, na odii abuada anadwo no, nso wamma wɔamfa ne mpenafo no mu bi ammrɛ no, na n’ani saree dwe.


Ɛnna wɔn a wosuro AWURADE no kasakasae wɔn mu, na AWURADE yɛɛ aso na ɔtee, na wɔkyerɛw n’anim nkae nhoma maa wɔn a wosuro Awurade na wobu ne din no.


O Onyankopɔn ahonya ne nyansa ne nimdeɛ bun a emu dɔ! Wɔrenhu n’atemmu mu pɛɛpɛe, na wɔrenhu n’akwan akyi hwehwɛ nwie da.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan