Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Ester 5:8 - KYERƐW KRONKRON

8 sɛ m’anim aba nyam ɔhene anim na sɛ ɔhene pɛ sɛ ɔbɛma ade a meresrɛ na wayɛ nea merehwehwɛ no a, ɔhene ne Haman mmra ɔpon a merebɛtow wɔn no ase. Na ɔkyena mɛyɛ sɛ ɔhene aka no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

8 sɛ m’anim aba nyam ɔhene anim, na sɛ ɔhene pɛ sɛ ɔbɛma adeɛ a meresrɛ na wɔyɛ deɛ merehwehwɛ no a, ɔhene ne Haman mmra ɛpono a merebɛto wɔn no ase. Na ɔkyena mɛyɛ sɛdeɛ ɔhene aka no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Sɛ ɔhempɔn ani sɔ me, na ɔpɛ sɛ ɔyɛ mʼadesrɛ ma me a, anka ɔkyena wo ne Haman mmra ɔpon a mɛto wo no ase. Na ɔkyena, mɛkyerɛ wo eyi nyinaa ase.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

8 sɛ m’anim aba nyam ɔhene anim, na sɛ ɔhene pɛ sɛ ɔbɛma adeɛ a meresrɛ na wɔyɛ deɛ merehwehwɛ no a, ɔhene ne Haman mmra ɛpono a merebɛto wɔn no ase. Na ɔkyena mɛyɛ sɛdeɛ ɔhene aka no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Sɛ ɔhene kɛseɛ ani sɔ me, na ɔpɛ sɛ ɔyɛ mʼadesrɛdeɛ ma me a, anka ɔkyena wo ne Haman mmra apontoɔ a mɛto wo no ase. Na ɔkyena, mɛkyerɛ wo yei nyinaa ase.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Ester 5:8
8 Iomraidhean Croise  

Ɔhemmea Wasti nso tow mmea pon ɔhene Ahas-weros ahemfi.


na Haman kae sɛ: Nso ɔhemmea Ester amma obiara ne ɔhene amma ɔpon a ɔtowee no ase gye me nko ara, na ɔkyena nso wɔahyia me ne ɔhene rekɔ ne nkyɛn.


Na Ester buae sɛ: Nea mesrɛ na merehwehwɛ ne sɛ,


Na ɔhene ne Haman bae sɛ wɔne ɔhemmea Ester rebɛnom nsa.


Ɛnna ɔhemmea Ester buae sɛ: Ɔhene, sɛ m’anim aba nyam w’anim, na sɛ ɔhene pɛ a, ma wɔmfa me nkwa nkyɛ me sɛ m’ade a meresrɛ, ne me nkurɔfo sɛ m’ade a merehwehwɛ,


na ɔkae sɛ: Sɛ ɔhene pɛ na sɛ m’anim aba nyam n’anim, na asɛm no teɛ ɔhene anim, na me nso mesɔ n’ani a, ma wɔnkyerɛw nkotwa nhoma a Agagni Haman a ɔyɛ Hamedata ba dwenee ho na ɔkyerɛwee sɛ ɔde rekɔsɛe Yudafo a wɔwɔ ɔhene nsase nyinaa so no mu,


Onipa koma na edwen ne kwan ho, na AWURADE na ɔtaataa n’anammɔn.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan