Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Ester 5:4 - KYERƐW KRONKRON

4 Na Ester se: Sɛ ɔhene pɛ a, ma ɔhene ne Haman mmra ɔpon a meretow no no ho nnɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Na Ester se: Sɛ ɔhene pɛ a, ma ɔhene ne Haman mmra ɛpono a mereto ama ɔhene no ase nnɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Na Ɛster buae se, “Sɛ ɛyɛ wo pɛ a, Ɔhempɔn, wo ne Haman mmra aponto a masiesie ama wo nnɛ no ase.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

4 Na Ester se: Sɛ ɔhene pɛ a, ma ɔhene ne Haman mmra ɛpono a mereto ama ɔhene no ase nnɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Na Ɛster buaa sɛ, “Sɛ ɛyɛ wo pɛ a, Ɔhene kɛseɛ, wo ne Haman mmra apontoɔ a masiesie ama wo ɛnnɛ no.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Ester 5:4
10 Iomraidhean Croise  

Na ose: Fa bɛn me, na minni me ba hanam, na menhyira wo. Na ɔde brɛɛ no, na odii, na ɔde bobesa brɛɛ no, na ɔnomee.


Na monka nsi so sɛ: Hwɛ, w'akoa Yakob wɔ yɛn akyi. Na ose: Mede ayɛyɛde a edi m'anim yi merekɔpata no, ansa na mahu n'anim; ebia ɔbɛhwɛ m'anim.


Ɔhemmea Wasti nso tow mmea pon ɔhene Ahas-weros ahemfi.


Na awɛmfo no fi kɔe ntɛmntɛm sɛnea ɔhene kae no, na wɔhyɛɛ mmara no Susan ahenkurow mu. Na ɔhene no ne Haman tenaa ase sɛ wɔrebɛnom nsa; na Susan kurow no mu ayɛ bisibasaa.


Na ɔhene no ka kyerɛɛ no sɛ: Dɛn na ɛyɛ wo, ɔhemmea Ester? Na ɛdɛn na worehwehwɛ? Edu ahenni no fa po a, wɔde bɛma wo.


Na ɔhene no kae sɛ: Monyɛ ntɛm mma Haman mmra, na wɔnyɛ nea Ester aka no. Na ɔhene no ne Haman baa ɔpon a Ester atow no ase.


sɛ m’anim aba nyam ɔhene anim na sɛ ɔhene pɛ sɛ ɔbɛma ade a meresrɛ na wayɛ nea merehwehwɛ no a, ɔhene ne Haman mmra ɔpon a merebɛtow wɔn no ase. Na ɔkyena mɛyɛ sɛ ɔhene aka no.


Onipa a ɔyɛ adom na ɔde fɛm, esi no yiye, obewie ne nsɛm di, atemmu mu.


Ɔkwasea yi ne honhom nyinaa adi, na onyansafo dwudwo no ma ɛka akyiri.


Anuanom, monnyɛ mmofra wɔ adwene mu, na mmom bɔne mu na monyɛ mmofra, na dwen mu de, munwie nyin.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan