Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Ester 5:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Na ɛbae sɛ ɔhene no huu ɔhemmea Ester sɛ ogyina abangua so no, onyaa n’anim anuonyam, na ɔhene no teɛɛ sika ahempoma a ɛwɔ ne nsam no kyerɛɛ Ester. Na Ester twiw bɛnee, na ɔbɛkaa ahempoma no ti.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Na ɛbaa sɛ ɔhene no hunuu Ɔhemmaa Ester sɛ ɔgyina abannwa soɔ no, ɔnyaa n’anim animuonyam, na ɔhene no tenee sika ahempoma a ɛwɔ ne nsam no kyerɛɛ Ester. Na Ester twe pinii, na ɔbɛkaa ahempoma no ti.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Bere a ohuu Ɔhemmea Ɛster sɛ ogyina adiwo hɔ no, ogyee no fɛw so. Ɔde sikakɔkɔɔ ahempema no kyerɛɛ ne so. Enti Ɛster bɛn kosoo pema no ti.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 Na ɛbaa sɛ ɔhene no hunuu Ɔhemmaa Ester sɛ ɔgyina abannwa soɔ no, ɔnyaa n’anim animuonyam, na ɔhene no tenee sika ahempoma a ɛwɔ ne nsam no kyerɛɛ Ester. Na Ester twe pinii, na ɔbɛkaa ahempoma no ti.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Ɛberɛ a ɔhunuu Ɔhemmaa Ɛster sɛ ɔgyina adihɔ hɔ no, ɔgyee no fɛ so. Ɔde sikakɔkɔɔ ahempoma no kyerɛɛ ne so. Enti, Ɛster bɛneeɛ, kɔsɔɔ poma no ti.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Ester 5:2
9 Iomraidhean Croise  

Na ɔkae sɛ: Wɔremfrɛ wo din Yakob bio, na wɔbɛfrɛ wo Israel, ase ne: Onyankopɔn kofoni, efisɛ wo ne Nyankopɔn ne nnipa ako, na woatumi.


Ao, Awurade, ma w’aso mmra w’akoa mpaebɔ ne wo nkoa a wo din suro yɛ wɔn fɛ mpaebɔ so, na ma ensi w’akoa yiye nnɛ, na fa ɔbarima yi so hu no mmɔbɔ. Saa bere no na mene ɔhene nsahyɛfo.


Na ababaa no sɔɔ n’ani, na onyaa n’anim anuonyam; na ɔyɛɛ ntɛm de ne nku ne ne nnuan maa no, na ɔde mmabaa baasɔn a wɔyii wɔn fii ɔhene fi maa no, na ɔde no ne mmabaa no kɔtenaa nea ɛhɔ ye wɔ mmea no fi.


ɔnkɔka nkyerɛ no sɛ, ɔhene nkoa nyinaa ne ɔhene nsase so nkurɔfo nim sɛ, ɔbarima anaa ɔbea biara a ɔba ɔhene nkyɛn, emu fam abangua so a wɔmfrɛɛ no no, ne mmara biako pɛ na ɛwɔ hɔ, sɛ wokum no, gye nea ɔhene bɛteɛ sika ahempoma akyerɛ no sɛ ɔntena ase no. Nso adaduasa ni, wɔmfrɛɛ me sɛ menkɔ ɔhene nkyɛn.


Na ɔhene teɛɛ sika ahempoma no kyerɛɛ Ester. Ɛnna Ester sɔre gyinaa ɔhene no anim,


Medɔ AWURADE sɛ otie me nne ne me nkotɔsrɛ.


Ɔhene koma te sɛ asuten, AWURADE nsam, baabiara a ɔpɛ no na ɔdan kɔ.


Na ɔhwɛɛ no dinn, na osuroe. Na ose: Ɛyɛ dɛn, Awura? Na osee no sɛ: Wo mpaebɔ ne wo mmɔborohunu ade no aforo ɔsoro abɛyɛ nkae Onyankopɔn anim.


Na oyii no fii n’amanehunu nyinaa mu, na ɔmaa no adom ne nyansa Misraim hene Farao anim, na ɔde no sii Misraim ne ne fi nyinaa so amrado.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan