Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Ester 5:11 - KYERƐW KRONKRON

11 Na Haman kaa wɔn n’ahonya anuonyam ne ne mma dodow ne kɛse a ɔhene ayɛ no nyinaa ne sɛnea wama no so asen mmapɔmma ne ɔhene nkoa no nyinaa,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

11 Na Haman kaa wɔn n’ahonya animuonyam ne ne mma dodoɔ ne kɛseɛ a ɔhene ayɛ no nyinaa ne sɛdeɛ wama no so asene mmapɔmma ne ɔhene nkoa no nyinaa,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 de ahonya ne mma dodow a ɔwɔ hoahoaa ne ho wɔ wɔn anim. Ɔde abasobɔde ahorow a ɔhene ama no no nso ne sɛnea wɔasi no panyin wɔ mpanyimfo nkae no so no nso tuu ne ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

11 Na Haman kaa wɔn n’ahonya animuonyam ne ne mma dodoɔ ne kɛseɛ a ɔhene ayɛ no nyinaa ne sɛdeɛ wama no so asene mmapɔmma ne ɔhene nkoa no nyinaa,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 de ahonya ne mma dodoɔ a ɔwɔ hoahoaa ne ho wɔ wɔn anim. Ɔde abasobɔdeɛ ahodoɔ a ɔhene ama no nso ne sɛdeɛ wɔasi no panin wɔ mpanimfoɔ nkaeɛ no so no nso, tuu ne ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Ester 5:11
19 Iomraidhean Croise  

Na ɔtee Laban mmammarima nsɛm a wɔkae sɛ: Yakob afa nea ɛyɛ yɛn agya de nyinaa; eno na ɔde anya saa anuonyam yi nyinaa.


Ɛno mu na oyii n’ahenni anuonyam dodow ne ne kɛseyɛ haran ne ne fɛ no kyerɛe nna pii, nnafua ɔha aduɔwɔtwe.


Nsɛm yi akyi no, ɔhene Akas-weros yɛɛ Agagni Haman a ɔyɛ Hamedata ba kɛse, na ɔmaa no so, na ɔmaa n’agua so sene mmapɔmma a wɔne no wɔ hɔ no nyinaa de.


Na Mordekai fii adi fii ɔhene no anim no, na ɔhyɛ ahentade bibiri ne fufu ne sika abotiri kɛse no ne nwera pa ne ɔtankɔkɔɔ atade yuu. Na Susan kurow no dii ahurusi, na wɔn ani gyei.


Wɔde wɔn ho to wɔn ahonyade so, na wɔde wɔn adedodow hoahoa wɔn ho.


Onua rentumi nnye onipa da, ɔremma Onyankopɔn ne mpatade,


Meyi wo ayɛ sɛ wo na woyɛe, na mɛtwɛn wo din, efisɛ eye, w’ahotefo anim.


Efisɛ ɔka sɛ: So m’asafohene nyɛ ahene nko ara?


na ɔhene no kae sɛ: So, ɛnyɛ Babel kɛse a makyekye mayɛ ahenni gyinabea, me tumi denyɛ so, na ama m’anuonyam agye din no ni anaa?


Na ne nsɛm no yɛɛ asuafo no ahodwiriw. Na Yesu bua see wɔn bio sɛ: Mma, sɛ moahu den a ɛyɛ ma wɔn [a wɔde wɔn ho to ahonyade so] sɛ wɔbɛkɔ Onyankopɔn ahenni mu?


Kasa kyerɛ adefo a wɔwɔ wiase sɛ wonnnwen akokurokosɛm, nso wɔmmfa wɔn ani nnto ahonyade a enni hɔ daa so, na wɔmfa wɔn ani nto Nyankopɔn a ɔma yɛn nneɛma nyinaa ma ɛdɔɔso sɛ yenni no so,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan