Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Ester 4:8 - KYERƐW KRONKRON

8 Na Mordekai de mmara a wɔhyɛɛ Susan sɛ wɔnsɛe wɔn no nkyerɛwee nhwɛso maa no, sɛ ɔmma Ester nhu, na ɔnka nkyerɛ no, na ɔnhyɛ no sɛ ɔnkɔ ɔhene nkyɛn nkɔkotow no, na ɔnsrɛ no mma ne man.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

8 Na Mordekai de mmara a wɔhyɛɛ no wɔ Susa sɛ wɔnsɛe wɔn no atwerɛ nhwɛsoɔ maa no, sɛ ɔmma Ester nhunu, na ɔnka nkyerɛ no, na ɔnhyɛ no sɛ ɔnkɔ ɔhene nkyɛn nkɔkoto nsrɛ no, na ɔnsrɛ wɔ n’anim mma ne man.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Mordekai de mmara no sɛso a woyii no Susa a ɛkyerɛ sɛ wonkum Yudafo nyinaa no bae, na ɔde maa Hatak sɛ ɔmfa nkɔma Ɛster. Ɔsan frɛɛ Hatak sɛ ɔnkyerɛ mu nkyerɛ Ɛster, na ɔnsrɛ no sɛ, ɔnkɔ ɔhene no nkyɛn nkɔsrɛ no ahummɔbɔ, na ɔnka bi mma ne nkurɔfo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

8 Na Mordekai de mmara a wɔhyɛɛ no wɔ Susa sɛ wɔnsɛe wɔn no atwerɛ nhwɛsoɔ maa no, sɛ ɔmma Ester nhunu, na ɔnka nkyerɛ no, na ɔnhyɛ no sɛ ɔnkɔ ɔhene nkyɛn nkɔkoto nsrɛ no, na ɔnsrɛ wɔ n’anim mma ne man.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Mordekai de mmara no sɛso a wɔyii no Susa a ɛkyerɛ sɛ wɔnkum Yudafoɔ nyinaa no baeɛ, na ɔde maa Hatak sɛ ɔmfa nkɔma Ɛster. Ɔsane frɛɛ Hatak sɛ ɔnkyerɛ mu nkyerɛ Ɛster, na ɔnsrɛ no sɛ, ɔnkɔ ɔhene no nkyɛn nkɔsrɛ no ahummɔborɔ, na ɔnka bi mma ne nkurɔfoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Ester 4:8
14 Iomraidhean Croise  

Na Ester nnya nkyerɛɛ n’abusua ne ne man, sɛnea Mordekai hyɛɛ no no; efisɛ Ester di Mordekai asɛm so sɛ bere a ɔhwɛ no so no.


Na Hatak bae, bɛkaa Mordekai nsɛm no kyerɛɛ Ester.


na mɛyɛ dɛn na matumi mahwɛ bɔne a ɛbɛto me manfo no? Na mɛyɛ dɛn na matumi mahwɛ me nkurɔfo sɛe?


Ɔno na sɛ meteɛ po a, meremmua no, mɛkotɔ no sɛ me temmufo.


Monsrɛ mma Yerusalem asomdwoe, ensi w’adɔfo yiye.


Ɔhene koma te sɛ asuten, AWURADE nsam, baabiara a ɔpɛ no na ɔdan kɔ.


Sɛ otumfo honhom sɔre hyɛ wo a, nnyaw w’afa, na odwo brɛ bɔne akɛse ase.


Afei Herode faa Tirofo ne Sidonfo ho abufuw; enti wɔyɛɛ nokoro baa ne nkyɛn, na wɔde bɛbɔɔ ɔhene dabehene Blasto so sɛ ɔnsrɛ ɔmannwoe mma wɔn, efisɛ ɔhene no asase so na wonya nnuan.


Mitu wo fo Onyankopɔn a ɔma nneɛma nyinaa nkwa ne Kristo Yesu a ɔpaee mu kaa no yiye dii ho adanse Pontio Pilato anim no anim


Kasa kyerɛ adefo a wɔwɔ wiase sɛ wonnnwen akokurokosɛm, nso wɔmmfa wɔn ani nnto ahonyade a enni hɔ daa so, na wɔmfa wɔn ani nto Nyankopɔn a ɔma yɛn nneɛma nyinaa ma ɛdɔɔso sɛ yenni no so,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan