Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Ester 4:5 - KYERƐW KRONKRON

5 Ɛnna Ester frɛɛ Hatak, ɔhene mpiafo no mu biako a wayi no sɛ ɔnsom no no, na ɔsomaa no Mordekai nkyɛn, na wahu dekode ne nea efi so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Ɛnna Ester frɛɛ Hatak, ɔhene mpiafoɔ no mu baako a wayi no sɛ ɔnsom no no, na ɔsomaa no Mordekai nkyɛn, na wahunu adekodeɛ ne deɛ ɛfiri soɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Na Ɛster soma ma wɔkɔfrɛɛ Hatak a ɔyɛ ɔhene piamfo no mu baako a wɔayi no sɛ ne somfo no. Ɔhyɛɛ no sɛ ɔnkɔ Mordekai nkyɛn nkobisa no nea ɛrehaw no, ne nea enti a ɔretwa agyaadwo saa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

5 Ɛnna Ester frɛɛ Hatak, ɔhene mpiafoɔ no mu baako a wayi no sɛ ɔnsom no no, na ɔsomaa no Mordekai nkyɛn, na wahunu adekodeɛ ne deɛ ɛfiri soɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Na Ɛster soma ma wɔkɔfrɛɛ Hatak a ɔyɛ ɔhene apiafoɔ no mu baako a wɔayi no sɛ ne ɔsomfoɔ. Ɔhyɛɛ no sɛ ɔnkɔ Mordekai nkyɛn nkɔbisa no deɛ ɛreha no, ne deɛ enti a ɔretwa agyaadwoɔ saa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Ester 4:5
10 Iomraidhean Croise  

Da a ɛto so ason a nsa ama ɔhene no ani agye no, ɔka kyerɛɛ Mehuman, Bista, Harbona, Bigta ne Abagta, Setar ne Karkas, mpiafo baasɔn no a wɔsom ɔhene Ahas-weros anim no,


Nanso ɔhemmea Wasti amma sɛnea ɔhene somaa mpiafo ma wɔbɛhyɛɛ no no. Ɛnna ɔhene no bo hurui sɛ, na n’abufuw dɛwee ne mu.


Ɛnna Ester kasa kyerɛɛ Hatak na ɔsomaa no Mordekai nkyɛn sɛ:


Ɛnna Ester mmaawa ne ne mpiafo no bae bɛka kyerɛɛ no. Na ɔhemmea no bɔɔ piriw papa, na ɔsomae sɛ wɔmfa ntade nkɔhyɛ Mordekai, na wonyi ne ho ayitam no, nanso wannye.


Na Hatak fii adi kɔɔ Mordekai nkyɛn, kurow no mprae a ɛda ɔhene ponkɛse anim no so.


Na Hatak bae, bɛkaa Mordekai nsɛm no kyerɛɛ Ester.


Mo ne anigyefo ani nnye, na mo ne asufo nsu.


Na sɛ kwaa biako hu amane a, akwaa nyinaa hu bi; sɛ nso wɔhyɛ akwaa biako anuonyam a, akwaa no nyinaa ne no bom di saa anigye no.


Mommma obiara nnhwɛ ɔno nko ara ade, na mmom ɔnhwɛ ne mfɛfo de bi.


Na yenni ɔsɔfo panyin a ontumi nhu yɛn mmerɛwyɛ na onni tema mma yɛn, na mmom nea wɔasɔ no ahwɛ ade nyinaa mu sɛ yɛn ara, nso onni bɔne.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan