Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Ester 4:4 - KYERƐW KRONKRON

4 Ɛnna Ester mmaawa ne ne mpiafo no bae bɛka kyerɛɛ no. Na ɔhemmea no bɔɔ piriw papa, na ɔsomae sɛ wɔmfa ntade nkɔhyɛ Mordekai, na wonyi ne ho ayitam no, nanso wannye.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Ɛnna Ester mmabaa ne ne mpiafoɔ no ba bɛka kyerɛɛ no. Na ɔhemmaa no bɔɔ birim papa, na ɔsomaa sɛ wɔmfa ntadeɛ nkɔhyɛ Mordekai, na wɔnyi ne ho ayitoma no, nanso wannye.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Bere a ɔhemmea Ɛster mmaawa ne ne piamfo bɛkaa Mordekai ho asɛm kyerɛɛ no no, ɛhaw no yiye. Ɔbrɛɛ no ntade sɛ ɔmfa nsi atweaatam no anan, nanso ɔpoe.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

4 Ɛnna Ester mmabaa ne ne mpiafoɔ no ba bɛka kyerɛɛ no. Na ɔhemmaa no bɔɔ birim papa, na ɔsomaa sɛ wɔmfa ntadeɛ nkɔhyɛ Mordekai, na wɔnyi ne ho ayitoma no, nanso wannye.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Ɛberɛ a ɔhemmaa Ɛster mmaawa ne nʼapiafoɔ bɛkaa Mordekai ho asɛm kyerɛɛ no no, ɛhaa no yie. Ɔbrɛɛ no ntadeɛ sɛ ɔmfa nsi ayitadeɛ no anan nanso, ɔpoeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Ester 4:4
10 Iomraidhean Croise  

Na ne mmammarima nyinaa ne ne mmabea nyinaa sɔree sɛ wɔbɛkyekye ne werɛ, nanso wamma wɔankyekye ne werɛ, na ose: Mede awerɛhow yi ara mɛkɔ me ba nkyɛn wɔ asaman. Na n'agya suu no.


Na ɔmaa n’ani so hwɛɛ mfɛnsere no, na ɔkae sɛ: Hena na ɔwɔ m’afa, hena? Ɛnna pia mufo baanu anaa baasa buu wɔn ani kyerɛɛ no.


Nanso ɔhemmea Wasti amma sɛnea ɔhene somaa mpiafo ma wɔbɛhyɛɛ no no. Ɛnna ɔhene no bo hurui sɛ, na n’abufuw dɛwee ne mu.


Na asase no biara a ɔhene asɛm ne ne mmara no duu hɔ no, nkɔmmɔdi kɛse ne mmuadadi ne osu ne adwotwa baa Yudafo no mu, na nnipa pii dedaa ayitam ne nso mu.


Ɛnna Ester frɛɛ Hatak, ɔhene mpiafo no mu biako a wayi no sɛ ɔnsom no no, na ɔsomaa no Mordekai nkyɛn, na wahu dekode ne nea efi so.


M’ahohia da mu na mehwehwɛɛ AWURADE, me nsam ateɛ anadwo nyinaa, na ɛmpa abaw, me kra kame awerɛkyekye.


Na ɔnanani a ɔde ne ho abɛbata AWURADE ho no, mma ɔnnka sɛ: Otu na AWURADE betu me afi ne man mu; na mma ayitotoni nso nnka sɛ: Hwɛ, me de, meyɛ duwui.


Sɛ AWURADE se ni; Wɔte nne bi Rama, agyaadwotwa ne osu yawyaw. Rahel resu ne mma, na ɔmpene ne mma ho awerɛkyekye, efisɛ wonni hɔ.


Na ɔsɔre kɔe. Na hwɛ, Etiopiani barima bi a ɔyɛ Etiopiafo hemmaa Kandake piani tumfo a wasa no a ɔhwɛ ne sika nyinaa so ni; waba Yerusalem abɛsɔre,


Na obegye mo awifuw ne bobe nturo aba mu ntotoso du du de ama ne gyaasefo ne n’asomfo.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan