Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Ester 4:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Na asase no biara a ɔhene asɛm ne ne mmara no duu hɔ no, nkɔmmɔdi kɛse ne mmuadadi ne osu ne adwotwa baa Yudafo no mu, na nnipa pii dedaa ayitam ne nso mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na asase no biara a ɔhene asɛm ne ne mmara no duruu hɔ no, abooboodie kɛseɛ, ne mmuadadie, ne esu ne adwotwa baa Yudafoɔ no mu, na nnipa pii dedaa ayitoma ne nso mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Na bere a ɔhene no mmara no duu amantam no nyinaa so no, na ɛyɛ osu ne agyaadwo wɔ Yudafo no mu. Wodii mmuada, su twaa agyaadwo a wɔn mu bebree hyehyɛ atweaatam de nsõ ahura wɔn ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Na asase no biara a ɔhene asɛm ne ne mmara no duruu hɔ no, abooboodie kɛseɛ, ne mmuadadie, ne esu ne adwotwa baa Yudafoɔ no mu, na nnipa pii dedaa ayitoma ne nso mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Na ɛberɛ a ɔhene no mmara no duruu amantam no nyinaa so no, na ɛyɛ osu ne agyaadwoɔ wɔ Yudafoɔ no mu. Wɔdii mmuada, suiɛ, twaa agyaadwoɔ a wɔn mu bebree hyehyɛ ayitadeɛ de nsõ ahura wɔn ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Ester 4:3
20 Iomraidhean Croise  

Na Ahas-weros bere so, Ahas-weros a odii hene fi India de kosii Etiopia, amantam ahorow ɔha aduonu ason so no.


Ɛnna wɔfrɛfrɛɛ ɔhene no akyerɛwfo ɔsram a edi kan no da a ɛto so dumiɛnsa, na wɔkyerɛwee sɛ Haman hyɛe nyinaa de kɔmaa ɔhene no amradofo ne amantam no mmiako mmiako so ahwɛfo ne aman no nyinaa so mmapɔmma, asase biara sɛ ne nkyerɛwee te, ne ɔman biara man sɛ ne kasa te; wɔde ɔhene Ahas-weros din na ɛkyerɛwee, na wɔde ɔhene no pɛtea sɔw ano.


Kohyia Yudafo a wohu wɔn Susan nyinaa boa ano, na me nti munni mmuada, na munnnidi na monnnom nnansa awia ne anadwo. Me nso, me ne me mmaawa bedi mmuada saa ara, na mede saa makɔ ɔhene nkyɛn a ɛnnam mmara so; na sɛ miwu a, na mawu.


Na ɔkɔɔ ɔhene ponkɛse anim; nso na obiara nni ho kwan sɛ ofura ayitam de hyɛn ɔhene ponkɛse mu.


Ɛnna Ester mmaawa ne ne mpiafo no bae bɛka kyerɛɛ no. Na ɔhemmea no bɔɔ piriw papa, na ɔsomae sɛ wɔmfa ntade nkɔhyɛ Mordekai, na wonyi ne ho ayitam no, nanso wannye.


sɛ wɔde rema Purim nna yi atim, ne bere a wɔahyɛ no mu, sɛnea Yudani Mordekai ne Ɔhemmea Ester ahyɛ wɔ wɔn mu no, ne sɛnea wɔama mmuadadi ne wɔn sufrɛ nsɛm no atim, wɔn kra ne wɔn asefo mu no.


Na ɔfaa kyɛmfɛre bi sɛ ɔde rehuane ne ho, na ɔtenaa nso mu.


Na ɛda no, AWURADE, asafo AWURADE, frɛɛ nnipa baa osu ne adwotwa ne tikwawbɔ ne atweaatamfura mu,


Enti na mise: Munyi mo ani mfi me so na minsu osu yawyaw. Monnhaw mo ho sɛ mobɛkyekye me werɛ, me man babea no sɛe ho.


So sɛ mmuada a mepɛ, ɛda a onipa brɛ ne kra ase no te ni? Sɛ obi si ne ti ase sɛ mmɛw na ɔsɛw atweaatam ne nso da so a, so eyi na wofrɛ no abuadadi ne da a ɛsɔ AWURADE ani?


na wo so na wɔmoma wɔn nne so, na wɔteɛm yawyaw de dɔte gugu wɔn atifi yantayantam nso mu,


Na mede m’anim mekyerɛɛ Awurade Nyankopɔn, sɛ mede mmuada ne atweaatam ne nso merepɛ mpaebɔ ne nkotɔsrɛ.


Na asɛm no duu Niniwe hene nkyɛn no, ɔsɔre fii n’agua so, na oyii ne nguguso guu hɔ na ofuraa atweaatam, na ɔtenaa nso mu,


na wɔde wɔn akogu ogya fononoo mu; ɛhɔ na nnipa besu na wɔatwere wɔn se.


Ɛnna ɔhene no see asomfo no sɛ: Monkyekyere ne nan ne ne nsa mfa no nkɔtow no nkyene akyirikyiri sum no mu; ɛhɔ na osu ne setwɛre wɔ.


Na akoa a ne ho nni mfaso no, momfa no nkɔtow no nkyene akyirikyiri sum no mu. Ɛhɔ na osu ne setwɛre wɔ.


Na Yosua sunsuanee ne ntade mu, na ɔde n’anim butuw fam, AWURADE adaka no anim de kosii anwummere, ɔno ne Israel mpanyimfo, na wɔde dɔte guguu wɔn atifi.


Ɛnna abɔfo no baa Gibea faako a Saul fi bɛkaa asɛm no ɔman no asom; na ɔman no nyinaa momaa wɔn nne so susui.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan