Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Ester 4:16 - KYERƐW KRONKRON

16 Kohyia Yudafo a wohu wɔn Susan nyinaa boa ano, na me nti munni mmuada, na munnnidi na monnnom nnansa awia ne anadwo. Me nso, me ne me mmaawa bedi mmuada saa ara, na mede saa makɔ ɔhene nkyɛn a ɛnnam mmara so; na sɛ miwu a, na mawu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

16 Kɔhyia Yudafoɔ a wɔhu wɔn Susa nyinaa boa ano, na me nti monni mmuada, na monnnidi na monnnom nnansa awia ne anadwo. Me nso, me ne me mmaawa bɛdi mmuada saa ara, na mede saa makɔ ɔhene nkyɛn a ɛnnam mmara soɔ; na sɛ mewu a, na mawu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 “Kɔ na kɔboaboa Yudafo a wɔwɔ Susa no nyinaa ano ntɛm. Nnidi anaa nnom nnansa, anadwo anaa awia. Me ne me mmaawa nso bɛyɛ saa ara. Ɛwɔ mu sɛ, etia mmara de, nanso mɛkɔ akohu ɔhene no na sɛ, ɛsɛ sɛ mewu koraa a, mewu.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

16 Kɔhyia Yudafoɔ a wɔhu wɔn Susa nyinaa boa ano, na me nti monni mmuada, na monnnidi na monnnom nnansa awia ne anadwo. Me nso, me ne me mmaawa bɛdi mmuada saa ara, na mede saa makɔ ɔhene nkyɛn a ɛnnam mmara soɔ; na sɛ mewu a, na mawu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 “Kɔ na kɔboaboa Yudafoɔ a wɔwɔ Susa no nyinaa ano ntɛm. Nnidi anaa nnom nnansa, anadwo anaa awia. Me ne me mmaawa nso bɛyɛ saa ara. Ɛwom sɛ, ɛtia mmara deɛ, nanso, mɛkɔ akɔhunu ɔhene no na sɛ, ɛsɛ sɛ mɛwu koraa a, mɛwu.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Ester 4:16
29 Iomraidhean Croise  

Na mahu no mayi no sɛ ɔnhyɛ ne mma ne ne fifo a ebedi n'akyi sɛ wonni AWURADE kwan so nyɛ adetrenee, mmu atɛntrenee, na AWURADE ama nea waka Abraham ho no aba no so.


Na Onyankopɔn Tweaduampɔn mma ɔbarima no nhu mo mmɔbɔ, na onnyaa mo nua no ne Benyamin mma mo. Na me de, me mma fi me nsa a, na wɔafi me nsa!


Hyɛ wo ho den na ma yɛnhyɛ yɛn ho den mma yɛn man ne yɛn Nyankopɔn nkurow. Na AWURADE nyɛ nea eye n’ani so.


Sɛ yese: Yɛbɛhyɛn kurow no mu a, ɛnne ɔkɔm wɔ kurow no mu na yebewuwu hɔ; na sɛ yɛtete ha yi nso a, yebewuwu; na afei mommra mma yɛnkɔhwe Siriafo nsra no mu: Sɛ wogye yɛn nkwa a, yɛbɛtena ase, sɛ wokum yɛn nso a, yɛawu!


Na Yehosafat suroe, na ɔde n’ani too AWURADE hwehwɛ so, na ɔpaee abuadadi Yuda nyinaa mu.


Ɛnna mepaee mmuadadi wɔ Ahawa asu no so, sɛ yɛrebrɛ yɛn ho ase yɛn Nyankopɔn anim ahwehwɛ ne hɔ ɔkwan trenee ama yɛn ne yɛn mma nkumaa ne yɛn nneɛma nyinaa,


Ɛnna Ester kae sɛ wonkobua Mordekai sɛ:


Na Mordekai sen kɔe kɔyɛɛ sɛnea Ester hyɛɛ no no nyinaa.


Na asase no biara a ɔhene asɛm ne ne mmara no duu hɔ no, nkɔmmɔdi kɛse ne mmuadadi ne osu ne adwotwa baa Yudafo no mu, na nnipa pii dedaa ayitam ne nso mu.


Na da a ɛto so abiɛsa no, Ester hyɛɛ ɔhemmea atade, na okogyinaa ahemfi emu fam abangua so, ɔhene dan no ntentenso. Na ɔhene no te n’ahengua so ahemfi, ofi no pon ano ntentenso.


sɛ wɔde rema Purim nna yi atim, ne bere a wɔahyɛ no mu, sɛnea Yudani Mordekai ne Ɔhemmea Ester ahyɛ wɔ wɔn mu no, ne sɛnea wɔama mmuadadi ne wɔn sufrɛ nsɛm no atim, wɔn kra ne wɔn asefo mu no.


Na ɛda no, AWURADE, asafo AWURADE, frɛɛ nnipa baa osu ne adwotwa ne tikwawbɔ ne atweaatamfura mu,


Na Yuda hene Yehoiakim a ɔyɛ Yosia ba afe a ɛto so anum, ɔsram a ɛto so akron no, Yerusalemfo nyinaa ne nkurɔfo a wofi Yuda nkurow mu nyinaa baa Yerusalem no, paee AWURADE anim mmuadadi.


sɛ wɔnsrɛ ɔsoro Nyankopɔn hɔ mmɔborohunu, ahintasɛm no ho, na wɔansɛe Daniel ne ne mfɛfo anka Babel anyansafo a aka no ho.


Na sɛnea Yona dii bonsu yam nnansa awia ne anadwo no, saa ara nso na Onipa Ba no bedi asase ase nnansa awia ne anadwo.


Na obiara a ɔpɛ sɛ obegye ne kra no, ebefi ne nsa, na nea me nti ne kra befi ne nsa no, obegye no nkwa.


Pilato buae sɛ: Nea makyerɛw no, makyerɛw.


Na ɔbɔfo a ɔkasa kyerɛɛ no no kɔe no, ɔfrɛɛ ne fie nnipa baanu ne ɔsraani nyamesuroni bi a ofi wɔn a wɔsom no daa no mu,


Na memfa eyi menyɛ biribi, nanso mimmu me kra aboɔden memma me ho, na mede anigye mawie me nantew ne ɔsom a minyae Awurade Yesu nkyɛn sɛ minni Nyankopɔn dom asɛmpa no ho adanse no.


Na Paulo buae sɛ: Adɛn na moresu na mububu me koma yi? Me de, masiesie me ho sɛ Awurade Yesu din nti ɛnyɛ ɔkyere nko na wɔbɛkyere me, na mpo mewu Yerusalem hɔ.


Na ade rebɛkye no, Paulo srɛɛ wɔn nyinaa sɛ wonnidi, na ɔkae sɛ: Dadu nnanan ni a moatena hɔ adi mmuada a momfaa biribi nkaa mo ano ɛ.


Na nnansa na onhu ade, nso onnidi na ɔnnom.


a wɔpɛe sɛ anka wɔde wɔn ara wɔn nkwa to hɔ ma de si me kra ananmu. Na ɛnyɛ me nko na meda wɔn ase, na mmom asafo a ɛwɔ amanaman nyinaa mu nso.


Efisɛ Kristo adwuma nti na ɔbɛn owu, na ɔde ne kra too hɔ sɛ obesi mo ananmu asom me wɔ nneɛma nyinaa mu.


Na sɛ ɛnyɛ mo pɛ sɛ mobɛsom AWURADE a, ɛnne ɛnnɛ mompaw nea mobɛsom no mfa: Sɛ anyame a mo agyanom somee a wɔwɔ asuogya no oo, sɛ Amorifo a mote wɔn asase so yi anyame oo, na me ne me fi de, yɛbɛsom AWURADE.


Na ɔde ne kra too ne nsam kokum Filistini no, na AWURADE dii nkonim kɛse maa Israel nyinaa. Wuhui na w’ani gyei; na ɛdɛn nti na worebɛyɛ mogya a edi bem ho bɔne na woakum Dawid kwa?


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan