Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Ester 4:11 - KYERƐW KRONKRON

11 ɔnkɔka nkyerɛ no sɛ, ɔhene nkoa nyinaa ne ɔhene nsase so nkurɔfo nim sɛ, ɔbarima anaa ɔbea biara a ɔba ɔhene nkyɛn, emu fam abangua so a wɔmfrɛɛ no no, ne mmara biako pɛ na ɛwɔ hɔ, sɛ wokum no, gye nea ɔhene bɛteɛ sika ahempoma akyerɛ no sɛ ɔntena ase no. Nso adaduasa ni, wɔmfrɛɛ me sɛ menkɔ ɔhene nkyɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

11 ɔnkɔka nkyerɛ no sɛ ɔhene nkoa nyinaa ne ɔhene nsase so nkurɔfoɔ nim sɛ, ɔbarima anaa ɔbaa biara a ɔba ɔhene nkyɛn, emu fam abannwa soɔ a wɔmfrɛɛ no no, ne mmara baako pɛ na ɛwɔ hɔ, ɛne sɛ wɔku no, gye deɛ ɔhene bɛtene sika ahempoma akyerɛ no sɛ ɔntena aseɛ no. Nso adaduasa ni, wɔmfrɛɛ me sɛ menkɔ ɔhene nkyɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 “Wiase nyinaa nim sɛ obiara a wobɛkɔ ɔhene anim wɔ nʼasennipia mu a wɔntoo nsa mfrɛɛ wo no, owu na wubewu, gye sɛ ɔde ne sika ahempema no kyerɛ wo so. Na ɛbɛyɛ ɔsram ni no, ɔhene no nsomaa sɛ wɔmmɛfrɛ me.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

11 ɔnkɔka nkyerɛ no sɛ ɔhene nkoa nyinaa ne ɔhene nsase so nkurɔfoɔ nim sɛ, ɔbarima anaa ɔbaa biara a ɔba ɔhene nkyɛn, emu fam abannwa soɔ a wɔmfrɛɛ no no, ne mmara baako pɛ na ɛwɔ hɔ, ɛne sɛ wɔku no, gye deɛ ɔhene bɛtene sika ahempoma akyerɛ no sɛ ɔntena aseɛ no. Nso adaduasa ni, wɔmfrɛɛ me sɛ menkɔ ɔhene nkyɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 “Ewiase nyinaa nim sɛ, obiara a wobɛkɔ ɔhene anim wɔ nʼasɛnnipiamu a wɔntoo nsa mfrɛɛ wo no, owuo na wobɛwuo gye sɛ, ɔde ne sika ahempoma no kyerɛ wo so. Na ɛbɛyɛ bosome nie no, ɔhene no nsomaa sɛ wɔmmɛfrɛ me.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Ester 4:11
9 Iomraidhean Croise  

Sɛ ɔhene pɛ a, ɔmma asɛm bi mfi ne hɔ, na wɔnkyerɛw no Persia ne Media mmara nsɛm mu, na wɔannan ani sɛ: Wasti mmma ɔhene Ahas-weros anim bio; na ɔhene mfa ne hemmaadi no mma ne yɔnko a oye sen no.


Anadwofa na ɔkɔ, na anɔpa na ɔsan kɔ mmea fi a ɛto so abien, a ɛhyɛ ɔhene piani Saasgas a ɔhwɛ ne mpenafo so ase no mu. Na ɔnkɔ ɔhene nkyɛn bio, gye sɛ ɔhene no pɛ na ɔbɔ ne din frɛ no.


Ɛnna Ester kasa kyerɛɛ Hatak na ɔsomaa no Mordekai nkyɛn sɛ:


Na wɔkɔkaa Ester nsɛm no kyerɛɛ Mordekai.


Na ɔhene kae sɛ: Hena na ɔwɔ abangua no so? Nso na Haman aba ɔhene fi akyiri abangua no so sɛ ɔrebɛka akyerɛ ɔhene na wɔasɛn Mordekai, dua a wasi ama no no so.


Na ɔhene teɛɛ sika ahempoma no kyerɛɛ Ester. Ɛnna Ester sɔre gyinaa ɔhene no anim,


Sɛ moankyerɛ me ɔdae no a, asɛm rebɛto mo, efisɛ moadwen atosɛm ne nnaadaasɛm sɛ morebɛka wɔ m’anim de akosi sɛ mɛsesa m'adwene; enti monka ɔdae no nkyerɛ me, na minhu sɛ mubetumi akyerɛ me ase.


Okununom, mo ne wɔn ntena nimdeɛ mu saa ara, sɛ ɔyere ne ade a ne ho nyɛ den, na munni wɔn ni, sɛ wɔn nso ne mo yɛ nkwa dom no adedifo bi, na mo mpaebɔ kwan ansiw.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan