Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Ester 4:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Na Mordekai huu nea aba no nyinaa no, osunsuanee ne ntade mu, na ɔde ayitam ne nso kataa ne ho; na ofii adi kɔɔ kurow no mfinimfini, na osuu osu dennen.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Na Mordekai hunuu deɛ aba no nyinaa no, Mordekai sunsuanee ne ntadeɛ mu, na ɔde ayitoma ne nso kataa ne ho; na ɔfirii adi kɔɔ kuro no mfimfini, na ɔsuu esu denden.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Bere a Mordekai huu nea wɔayɛ no nyinaa no, ɔtetew ne ntade mu, hyɛɛ atweaatam, de nsõ yɛɛ ne ho, de agyaadwotwa a ano yɛ den faa kuropɔn no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

1 Na Mordekai hunuu deɛ aba no nyinaa no, Mordekai sunsuanee ne ntadeɛ mu, na ɔde ayitoma ne nso kataa ne ho; na ɔfirii adi kɔɔ kuro no mfimfini, na ɔsuu esu denden.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Ɛberɛ a Mordekai hunuu asɛm a asi no, ɔtetee ne ntadeɛ mu, hyɛɛ ayitadeɛ, de nsõ huraa ne ho, de agyaadwoɔ denden faa kuropɔn no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Ester 4:1
27 Iomraidhean Croise  

Esau tee n'agya nsɛm no, ɔde osu kɛse ne awerɛhow pii teɛɛm dennen ka kyerɛɛ n'agya sɛ: M'agya, hyira me nso bi.


Ɛnna Yakob sunsuanee ne ntade mu, na ɔde ayitoma bɔɔ n'asen, na osuu ne ba no kyɛe.


Ɛnna Dawid soo n’atade mu suan mu, na mmarima a wɔka ne ho no nyinaa nso yeyɛɛ saa.


Ɛnna Tamar sesaw nso guu n’atifi na osunsuanee n’atade nworannworan a ɛhyɛ no no mu na ɔde ne nsa soaa ne ti de benabɔ ara kɔe.


Na ɔkɔɔ ɔhene ponkɛse anim; nso na obiara nni ho kwan sɛ ofura ayitam de hyɛn ɔhene ponkɛse mu.


Na asase no biara a ɔhene asɛm ne ne mmara no duu hɔ no, nkɔmmɔdi kɛse ne mmuadadi ne osu ne adwotwa baa Yudafo no mu, na nnipa pii dedaa ayitam ne nso mu.


Ɛnna Hiob sɔre sunsuanee n’atade mu, na oyii ne ti, na ɔhwee fam sɔree Onyankopɔn,


Na ɔfaa kyɛmfɛre bi sɛ ɔde rehuane ne ho, na ɔtenaa nso mu.


Enti na m’ani wu na minu me ho, dɔte ne nso mu.


Na Hesbon ne Eleale teɛm ma wɔte wɔn nne kodu Yahas, eyi nti na Moab akofo teɛm dennen; ne kra ho popo.


Enti na mise: Munyi mo ani mfi me so na minsu osu yawyaw. Monnhaw mo ho sɛ mobɛkyekye me werɛ, me man babea no sɛe ho.


Na ɔhene Hesekia tee no, osunsuanee ne ntade mu, na ofuraa atweatam, na osiim kɔɔ AWURADE fi.


Na ɔsomaa Eliakim a odi ofi no so no ne ɔkyerɛwfo Sebna ne asɔfo no mu mpanyin a wofurafura ayitam kɔɔ Amos ba odiyifo Yesaia nkyɛn,


So sɛ mmuada a mepɛ, ɛda a onipa brɛ ne kra ase no te ni? Sɛ obi si ne ti ase sɛ mmɛw na ɔsɛw atweaatam ne nso da so a, so eyi na wofrɛ no abuadadi ne da a ɛsɔ AWURADE ani?


Na ɔde nkrante no mae sɛ wɔmpɔw ho sɛ wɔde nsa rekura, wɔasew nkrante no na wɔapɔw ho nso, sɛ wɔde rehyɛ okumfo nsa.


Na wo, onipa ba, fa awerɛhow si apini, na gu wɔn ani so ahome yawyaw.


Na mede m’anim mekyerɛɛ Awurade Nyankopɔn, sɛ mede mmuada ne atweaatam ne nso merepɛ mpaebɔ ne nkotɔsrɛ.


Eyi nti mesu na matwa adwo, mɛnantew a mpaboa nni mu, akɔ no adagyaw mu, metue osu sɛ sakraman, na madi nkɔmmɔ sɛ sohori.


Awurade da kɛse no abɛn, abɛn na ɛreba ntɛm sɛ, Awurade da no nne yɛ nwene sɛ! Ɔdɔmmarima teɛm dennen wɔ hɔ.


Korasin, due! Betsaida, due! Efisɛ tumide a wɔayɛ no mo mu yi, sɛ wɔyɛɛ no Tiro ne Sidon a, anka wɔasakra wɔn adwene ayitoma ne nso mu dedaw.


Na asomafo Barnaba ne Paulo tee no, wosunsuanee wɔn ntama mu tutuu mmirika kɔɔ nkurɔfokuw no mu teɛɛm sɛ:


Na Yosua sunsuanee ne ntade mu, na ɔde n’anim butuw fam, AWURADE adaka no anim de kosii anwummere, ɔno ne Israel mpanyimfo, na wɔde dɔte guguu wɔn atifi.


Na mɛma m’adansefo baanu afurafura atweaatam abɛka adiyisɛm nna apem ahanu aduosia.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan