Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Ester 3:8 - KYERƐW KRONKRON

8 Na Haman ka kyerɛɛ ɔhene Akas-weros sɛ: Ɔman biako bi wɔ hɔ a wɔabɔ apete na wɔatew wɔn ho afi amanaman mu, w’ahenni nsase nyinaa so, na ɛsono wɔn mmara ne aman nyinaa de, na ɔhene mmara no, wonni so, na ɛmfata ɔhene sɛ ɔbɛma wɔn kwan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

8 Na Haman ka kyerɛɛ Ɔhene Akas-weros sɛ: Ɔman baako bi wɔ hɔ a wɔabɔ apete, na wɔate wɔn ho afiri amanaman mu, w’ahennie nsase nyinaa soɔ, na ɛsono wɔn mmara ne aman nyinaa deɛ, na ɔhene mmara no, wɔnni so, na ɛmfata ɔhene sɛ ɔbɛma wɔn kwan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Na Haman kɔɔ ɔhene Ahasweros nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Nnipa bi wɔ hɔ a wɔabɔ apete amantam a ɛwɔ wʼahenni yi nyinaa so. Wɔn mmara ne ɔman foforo biara de bɔ abira, na mpo, wobu ɔhene mmara so. Ɛno nti, enye mma ɔhene sɛ ɔbɛhwɛ ama wɔatena ase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

8 Na Haman ka kyerɛɛ Ɔhene Akas-weros sɛ: Ɔman baako bi wɔ hɔ a wɔabɔ apete, na wɔate wɔn ho afiri amanaman mu, w’ahennie nsase nyinaa soɔ, na ɛsono wɔn mmara ne aman nyinaa deɛ, na ɔhene mmara no, wɔnni so, na ɛmfata ɔhene sɛ ɔbɛma wɔn kwan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Na Haman kɔɔ ɔhene Ahasweros nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Nnipa bi wɔ hɔ a wɔabɔ apete amantam a ɛwɔ wʼahemman yi nyinaa so. Wɔn mmara ne ɔman foforɔ biara deɛ bɔ abira, na mpo, wɔbu ɔhene mmara so. Ɛno enti, ɛnyɛ mma ɔhene sɛ ɔbɛhwɛ ama wɔatena ase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Ester 3:8
25 Iomraidhean Croise  

Na Akas-weros ahenni so, ofii n’ahenni ase no, wɔkyerɛw Yuda ne Yerusalemfo ho anototo nhoma.


Na kae asɛm a wode hyɛɛ w’akoa Mose no sɛ: Mo de, mofom a, me nso mɛbɔ mo mapete aman mu;


Na sɛ ɔhene pɛ a, ma wɔnkyerɛw sɛ wɔnsɛe wɔn, na mɛkari dwetɛ dwetikɛse ɔpedu mahyɛ wɔn a wɔyɛ ɔhene adwuma no nsa, sɛ wɔmfa ngu ɔhene akorade mu.


Na Mordekai huu nea aba no nyinaa no, osunsuanee ne ntade mu, na ɔde ayitam ne nso kataa ne ho; na ofii adi kɔɔ kurow no mfinimfini, na osuu osu dennen.


So wunhuu nea ɔman yi reka sɛ: Mmusua abien a AWURADE pawee no, wapa wɔn, no anaa? Na wobu me man animtiaa, sɛ wɔnnyɛ, wɔn ani so ɔman bio.


Israel yɛ oguanten a wayera a agyata apam no kɔ; kan no, Asaria hene na ɔtetew no, na akyiri yi, ne nnompe po, Babel hene Nebukadnesar abubu mu.


Ɛno nti ka sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Ɛwom sɛ mede wɔn mekɔɔ akyirikyiri, amanaman mu, na mebɔɔ wɔn mepetee nsaase so de, nanso mayɛ wɔn kronkronbea kakra, nsaase a wɔakɔ so no so.


Nanso megyaw mo ebinom a wobefi nkrante ano aka, amanaman mu, bere a wɔbɛbɔ mo apete nsaase so no.


Ne saa nti bere no ara mu Kaldeafo bi bae bɛtotoo Yudafo no ano;


Ɛnna wobua see ɔhene sɛ: Daniel a ofi Yuda atukɔfo mu no mmu wo, ɔhene, ne ɛmom a woahyɛ no, na ɔsrɛ n’adesrɛ da koro mprɛnsa.


Ɛnna ɔhene tee asɛm no no, ɛyɛɛ no yaw kɛse, na odii ne tirim Daniel ho, sɛ obegye no, na ɔbɔɔ mmɔden ara kosii owiatɔ bere sɛ obegye no.


na mo de, mɛbɔ mo apete wiase amanaman mu, na matwe nkrante madi mo akyi, na mo asase bɛda ntuw, na mo nkurow ayɛ fo.


Na mede ahum mɛfa wɔn akɔ amanaman a wonnim wɔn nyinaa mu, na wɔn akyi asase no adan afo, na obiara amfa so ankɔ ansan amma, na wɔama asase fɛfɛ no adan afo.


Abotan atifi na mifi mihu no, na nkoko so na mifi migyen no: Hwɛ, ɔman a ne nko bɛtena ni, na wɔremmu wɔn mfra wiase aman.


Ɛnna Yudafo no sisee wɔn ho sɛ: Ɛhe na oyi rebɛkɔ a yɛrenhu no? So ɔrebɛkɔ wɔn a wɔapete Helafo mu no mu akɔkyerɛkyerɛ Helafo?


Yɛahu ɔbarima yi sɛ ɔyɛ obusufo a ɔde mansotwe ba Yudafo a wɔwɔ wiase nyinaa mu, na ɔyɛ Nasarefo fekuw no mu panyin.


Na yɛpɛ sɛ yetie nea wo ara wudwen, na Fekuw yi de, yenim sɛ wɔkasa tia mmaa nyinaa.


ɛnne AWURADE wo Nyankopɔn bɛdan wo dommum no, na ne yam ahyehye no ama wo, na wasan aboa w’ano afi aman a AWURADE wo Nyankopɔn apansam wo akɔ hɔ no nyinaa mu.


Anka mise: Mehuw wɔn agu, mɛma wɔn nkae to atwa afi nnipa mu,


Na AWURADE bɛpansam mo agu amanaman mu, na ɛbɛka mo mu kakraa bi wɔ wiase aman a AWURADE de mo bɛkɔ hɔ no mu;


Yakobo, Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo akoa, kyerɛw kɔma mmusuakuw dumien a wɔahwete no sɛ: Anigye nka mo.


Petro, Yesu Kristo somafo, de kɔma wɔn a wɔahwete akɔ Ponto, Galatia, Kapadokia, Asia ne Bitinia no mu amamfrafo a wɔayi wɔn,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan