Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Ester 3:7 - KYERƐW KRONKRON

7 Ɔsram a edi kan a ɛne ɔsram Nisan a ɛte sɛ Oforisuo no so, ɔhene Akas-weros afe a ɛto so dumien mu no, wɔtwee Pur, a ɛne ntonto, Haman anim, da biara da, na efi ɔsram no so ara kosii ɔsram a ɛto so dumien a ɛne ɔsram Adar.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 Bosome a ɛdi kan a ɛne bosome Nisan no mu, Ɔhene Akas-weros afe a ɛtɔ so dummienu mu no, wɔtwee Pur, a ɛne ntonto, Haman anim, da biara da, na ɛfiri bosome no so ara kɔsii bosome a ɛtɔ so dummienu a ɛne bosome Adar.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Na ɔsram Abib (bɛyɛ Oforisuo) mu a ɛyɛ ɔhene Ahasweros adedi mfe dumien so no, wɔbɔɔ ntonto a wɔfrɛ no Pur de hwehwɛɛ da ne ɔsram a ɛfata sɛ wɔhyɛ fa no. Na da a woyii no yɛ Abib ɔsram (bɛyɛ Ɔbɛnem) da a ɛto so ason a na ɛreyɛ akɔ ntontobɔ no akyi afe mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

7 Bosome a ɛdi kan a ɛne bosome Nisan no mu, Ɔhene Akas-weros afe a ɛtɔ so dummienu mu no, wɔtwee Pur, a ɛne ntonto, Haman anim, da biara da, na ɛfiri bosome no so ara kɔsii bosome a ɛtɔ so dummienu a ɛne bosome Adar.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Na ɔbosome Nisan (bɛyɛ Oforisuo) mu a ɛyɛ ɔhene Ahasweros adedie mfeɛ dumienu so no, wɔbɔɔ ntonto a wɔfrɛ no Pur de hwehwɛɛ ɛda pa ne bosome a ɛfata sɛ wɔdi dwuma no. Na da a wɔyiiɛ no yɛ Adar bosome (bɛyɛ Ɔbɛnem) da a ɛtɔ so nson a na ɛreyɛ akɔ ntontobɔ no akyi afe mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Ester 3:7
13 Iomraidhean Croise  

Na Akas-weros ahenni so, ofii n’ahenni ase no, wɔkyerɛw Yuda ne Yerusalemfo ho anototo nhoma.


Na wowiee ofi no ɔsram Adar [a ɛte sɛ Ɔbɛnem] da a ɛto so abiɛsa so, ɔhene Dario ahenni afe a ɛto so asia mu.


Na ɔhene Artasasta afe a ɛto so aduonu, ɔsram Nisan mu, na nsa si n’anim, na memaa nsa no so mede memaa ɔhene no; nso menyɛɛ n’anim mmɔbɔmmɔbɔ da.


n’ahenni afe a ɛto so abiɛsa mu no, ɔtow ne mmapɔmma nyinaa ne ne nkoa pon, a Persia ne Media dɔm so atumfo ne mmakoma ne amantam no so asafohene wɔ n’anim.


Na wɔde Ester kɔɔ ɔhene Akas-weros nkyɛn n’ahemfi, ɔsram a ɛto so du a ɛne ɔsram Tebet [a ɛte sɛ Ɔpɛpɔn] no so, n’ahenni afe a ɛto so ason no mu.


Na ɔsram a ɛto so dumien a ɛne ɔsram Adar a ɛte sɛ: Ɔbɛnem no, da a ɛto so dumiɛnsa no a ɔhene asɛm ne ne mmara no dui sɛ wonni so no, da no ara a Yudafo atamfo ani daa so sɛ wobedi wɔn so na ɛdan sɛ: Yudafo no mmom na wodii wɔn atamfo no so,


sɛ wɔmma eyi ntim wɔn tirim sɛ wonni ɔsram Adar [a ɛte sɛ Ɔbɛnem] da a ɛto so dunan ne ne da a ɛto so dunum no daa afe,


Na Yudafo no de afoa ne okum ne ɔsɛe kaa wɔn atamfo nyinaa, na wɔyɛɛ wɔn atamfo no sɛnea wɔpɛ.


Kokom na wɔtwe ntonto, na ɛho atemmu nyinaa fi AWURADE.


Na wɔbɔɔ no asɛnnua mu wiei no, wɔtwee ntonto kyɛɛ ne ntade (na ama nea wɔnam odiyifo no so kae no aba mu sɛ, wokyɛɛ me ntade mu maa wɔn ho, na wɔtwee ntonto wɔ me ntade so).


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan