Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Ester 3:4 - KYERƐW KRONKRON

4 Na wɔka kyerɛɛ no saa daa, na ontie wɔn no, wɔkɔka kyerɛɛ Haman, sɛ wɔrehwɛ sɛ Mordekai nsɛm no begyina anaa. Na waka akyerɛ wɔn sɛ ɔyɛ Yudani.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Na wɔka kyerɛɛ no saa daa na ɔntie wɔn no, wɔkɔka kyerɛɛ Haman, sɛ wɔrehwɛ sɛ Mordekai nsɛm no bɛgyina anaa. Na waka akyerɛ wɔn sɛ ɔyɛ Yudani.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Wɔkasa kyerɛɛ no mpɛn pii nanso ɔkɔɔ so buu mmara no so. Enti wɔbɔɔ Haman amanneɛ hwɛɛ sɛ ɔbɛpene Mordekai suban no so ana, efisɛ na Mordekai aka akyerɛ wɔn sɛ ɔyɛ Yudani.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

4 Na wɔka kyerɛɛ no saa daa na ɔntie wɔn no, wɔkɔka kyerɛɛ Haman, sɛ wɔrehwɛ sɛ Mordekai nsɛm no bɛgyina anaa. Na waka akyerɛ wɔn sɛ ɔyɛ Yudani.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Adeɛ akye a ade asa yi, wɔkasa kyerɛɛ no nanso ɔkɔɔ so buu ɔhyɛ nsɛm no so. Enti, wɔbɔɔ Haman amaneɛ hwɛɛ sɛ ɔbɛpene Mordekai suban no so anaa, ɛfiri sɛ, na Mordekai aka akyerɛ wɔn sɛ ɔyɛ Yudani.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Ester 3:4
11 Iomraidhean Croise  

Na ɔka saa daa daa kyerɛ Yosef, nanso Yosef ampene sɛ ɔne no bɛda, na wakɔ ne ho.


Mo a moyɛ Onyankopɔn akyidifo no, Onyankopɔn nni mo akyi, ɛsɛ sɛ moforo kɔ Yerusalem a ɛwɔ Yuda, na monsan nkosi AWURADE Israel Nyankopɔn fi no. Ɔno ne Nyankopɔn a ɛsɛ sɛ wɔsom no Yerusalem.


Ɛnna ɔhene nkoa a wɔwɔ ɔhene ponkɛse mu no ka kyerɛɛ Mordekai sɛ: Ɛdɛn nti na wo de, woto ɔhene mmara no?


Na Haman hui sɛ Mordekai nkotow nsɔre no no, abufuw hyɛɛ Haman ma.


Yudafo bi wɔ hɔ a wode wɔn asisi Babel asase so hwɛfo, Sadrak, Mesak ne Abednego; mmarima yi mmu wo, ɔhene; wɔnsom w’anyame, na wɔnsɔre sika honi a wode asi hɔ no.


Ɛnna wobua see ɔhene sɛ: Daniel a ofi Yuda atukɔfo mu no mmu wo, ɔhene, ne ɛmom a woahyɛ no, na ɔsrɛ n’adesrɛ da koro mprɛnsa.


Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Meyɛ Hebrini, na mesɔre AWURADE, ɔsoro Nyankopɔn a ɔyɛɛ ɛpo ne asase kesee no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan