Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Ester 3:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Na ɔhene nkoa a wɔte ɔhene ponkɛse mu nyinaa kotow sɔree Haman, efisɛ saa na ɔhene ahyɛ ama no. Na Mordekai de, wankotow na wansɔre no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Na ɔhene nkoa a wɔte ɔhene ponkɛseɛ mu nyinaa koto sɔree Haman, ɛfiri sɛ saa na na ɔhene ahyɛ ama no. Na Mordekai deɛ, wankoto na wansɔre no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Sɛ Haman reba a, ɔhene mpanyimfo no bɔ wɔn mu ase de kyerɛ obu ne nidi a wɔwɔ ma no, efisɛ saa na ɔhene ahyɛ. Nanso Mordekai ammɔ ne mu ase da, na wankyerɛ obu ne nidi nso da.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 Na ɔhene nkoa a wɔte ɔhene ponkɛseɛ mu nyinaa koto sɔree Haman, ɛfiri sɛ saa na na ɔhene ahyɛ ama no. Na Mordekai deɛ, wankoto na wansɔre no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Sɛ Haman retwam a, ɔhene mpanimfoɔ bɔ wɔn mu ase, de kyerɛ obuo ne anidie a wɔwɔ ma no, ɛfiri sɛ, saa na ɔhene ahyɛ. Nanso, Mordekai ammɔ ne mu ase da, na wankyerɛ obuo ne anidie nso da.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Ester 3:2
15 Iomraidhean Croise  

na ɔma ɔtenaa ne teaseɛnam a ɛto so abien mu, na wɔteɛɛm dii n'anim sɛ: Mommɔ mo mu ase! Na ɔde no sii Misraim asase nyinaa so.


Na wohyiahyiaa mmabaa no ne mprenu so no, na Mordekai te ɔhene ponkɛse no mu.


Nna a Mordekai te ɔhene ponkɛse no mu no, Bigtan ne Teres, ɔhene mpiafo baanu a wofi wɔn a wɔwɛn ɔpon ano no mu no, bo hurui, na wɔhwehwɛe sɛ anka wokum ɔhene Akas-weros.


Nso Yudani bi wɔ Susan ahenkurow mu a ne din de Mordekai, Benyaminni a ɔyɛ Yair ba, Simei ba, Kis ba


Nsɛm yi akyi no, ɔhene Akas-weros yɛɛ Agagni Haman a ɔyɛ Hamedata ba kɛse, na ɔmaa no so, na ɔmaa n’agua so sene mmapɔmma a wɔne no wɔ hɔ no nyinaa de.


Ɛnna ɔhene nkoa a wɔwɔ ɔhene ponkɛse mu no ka kyerɛɛ Mordekai sɛ: Ɛdɛn nti na wo de, woto ɔhene mmara no?


Na Haman hui sɛ Mordekai nkotow nsɔre no no, abufuw hyɛɛ Haman ma.


Ɛnna da no Haman de anigye ne koma pa fii adi, na Haman huu Mordekai ɔhene ponkɛse no mu sɛ wansɔre nanso wanka ne ho koraa n’anim no, ne bo fuw Mordekai sɛ.


N’ankasa n’ani so obu onipa huhuw animtiaa, na odi wɔn a wosuro AWURADE no ni, ɔka amanenya ntam a, ɔnsakra.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Kyerɛw eyi hyɛ nhoma bi mu fa yɛ nkae, na ka hyɛ Yosua asom sɛ ɔpopa na mɛpopa Amalek nkae mafi soro ase.


na ɔkae sɛ: AWURADE aka ntam, AWURADE ne Amalek bedi ako afi awo ntoatoaso so de akosi awo ntoatoaso so.


Na Daniel srɛɛ ɔhene, na ɔde Sadrak, Mesak ne Abednego sisii Babel asase so hwɛfo; na Daniel de, ɔtenaa ɔhene aban mu.


Enti sɛ AWURADE wo Nyankopɔn ma wo ɔhome fi w’atamfo a wɔatwa wo ho ahyia nyinaa nsam, asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo sɛ fa tena so no so a, popa Amalek nkae fi ɔsoro ase; mma wo werɛ mmfi.


sɛ Yesu din mu na nkotodwe nyinaa nkotow, nea ɛwɔ ɔsoro, nea ɛwɔ asase so ne nea ɛwɔ asase ase.


Na afei kɔ na kokum Amalek, na monsɛe nea wɔwɔ nyinaa pasaa, na nkyɛe wɔn so, na kum mmarima ne mmea, mmofra ne nkokoaa, anantwi ne nguan, yoma ne mfurum.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan