Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Ester 3:13 - KYERƐW KRONKRON

13 Na wɔde nhoma no somasomaa awɛmfo ma wɔde kɔɔ ɔhene nsaase nyinaa so, sɛ wɔnsɛe na wonkunkum na wɔnnwerɛw Yudafo no nyinaa mfi mmerante so nkosi nkwakoraa so, mmofra ne mmea nso, da koro, ɔsram a ɛto so dumien a ɛne ɔsram Adar [a ɛte sɛ Ɔbɛnem] no da a ɛto so dumiɛnsa no, na wɔmfom wɔn nneɛma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

13 Na wɔde nwoma no somasomaa awɛmfoɔ maa wɔde kɔɔ ɔhene nsase nyinaa so, sɛ wɔnsɛe na wɔnkunkum na wɔnnwerɛ Yudafoɔ no nyinaa mfiri mmeranteɛ so nkɔsi nkɔkoraa so, mmɔfra ne mmaa nso, da koro, bosome a ɛtɔ so dummienu a ɛne bosome Adar no da a ɛtɔ so dummiɛnsa no so, na wɔmfom wɔn nnoɔma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 na wɔde somaa abɔfo ma wɔde kokɔɔ amantam a ɛwɔ ahemman no mu nyinaa. Nkrataa no hyɛɛ mmara sɛ, ɛsɛ sɛ wokunkum Yudafo nyinaa, mmofra ne mpanyin, mmea ne mmarima, tɔre wɔn ase da koro na wɔfa wɔn agyapade. Wɔhyɛɛ sɛ, saa asɛm yi nsi wɔ Adar ɔsram (bɛyɛ Ɔbɛnem) da a ɛto so ason, a ɛyɛ afe akyi a wɔhyɛɛ mmara no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

13 Na wɔde nwoma no somasomaa awɛmfoɔ maa wɔde kɔɔ ɔhene nsase nyinaa so, sɛ wɔnsɛe na wɔnkunkum na wɔnnwerɛ Yudafoɔ no nyinaa mfiri mmeranteɛ so nkɔsi nkɔkoraa so, mmɔfra ne mmaa nso, da koro, bosome a ɛtɔ so dummienu a ɛne bosome Adar no da a ɛtɔ so dummiɛnsa no so, na wɔmfom wɔn nnoɔma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 na wɔde somaa abɔfoɔ maa wɔde kokɔɔ amantam a ɛwɔ ahemman no mu nyinaa. Nkrataa no hyɛɛ mmara sɛ, ɛsɛ sɛ wɔkunkum Yudafoɔ nyinaa, mmɔfra ne mpanin, a mmaa ne mmɔfra ka ho, tɔre wɔn ase ɛda koro. Wɔhyɛɛ sɛ, saa asɛm yi nsi wɔ Adar bosome (bɛyɛ Ɔbɛnem) da a ɛtɔ so nson, a ɛyɛ afe akyi a wɔhyɛɛ mmara no. Yudafoɔ agyapadeɛ no, wɔde bɛma wɔn akumfoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Ester 3:13
14 Iomraidhean Croise  

Na ammirikatufo de nhoma a efi ɔhene ne ne mmapɔmma nsam no siim kɔe kokyinii Israel ne Yuda nyinaa mu, sɛ ɔhene mmara no te, kae sɛ: Israelfo, monsan mmra AWURADE, Abraham, Isak ne Yakob Nyankopɔn no, nkyɛn, na ɔno nso asan aba wɔn a wɔafi mu aka ama mo afi Asaria ahene nsam no nkyɛn.


na wɔatɔn yɛn, me ne me man, sɛ wɔnsɛe yɛn nkunkum yɛn nnwerɛw yɛn. Na sɛ wɔretontɔn yɛn ayɛ nkoa ne mfenaa a, anka mɛyɛ komm, nanso ɔtamfo no ntumi nhyɛ ɔhene ade a ɛbɛsɛe no ananmu.


na ɔkae sɛ: Sɛ ɔhene pɛ na sɛ m’anim aba nyam n’anim, na asɛm no teɛ ɔhene anim, na me nso mesɔ n’ani a, ma wɔnkyerɛw nkotwa nhoma a Agagni Haman a ɔyɛ Hamedata ba dwenee ho na ɔkyerɛwee sɛ ɔde rekɔsɛe Yudafo a wɔwɔ ɔhene nsase nyinaa so no mu,


Na ɔsram a ɛto so dumien a ɛne ɔsram Adar a ɛte sɛ: Ɔbɛnem no, da a ɛto so dumiɛnsa no a ɔhene asɛm ne ne mmara no dui sɛ wonni so no, da no ara a Yudafo atamfo ani daa so sɛ wobedi wɔn so na ɛdan sɛ: Yudafo no mmom na wodii wɔn atamfo no so,


Yudafo hohiafo Hamedata ba Haman mmammarima du no nso, wokunkum wɔn, na afow ade no de, wɔamfa wɔn nsa anka.


Na Yudafo no de afoa ne okum ne ɔsɛe kaa wɔn atamfo nyinaa, na wɔyɛɛ wɔn atamfo no sɛnea wɔpɛ.


Na me nna ho yɛ hare sen ommirikatufo, eguan kɔ, enhu adepa bi.


Ɔman nkɔnkɔnsafo mu na mɛsoma no makɔ, na m’abufuw man no so na mɛhyɛ no sɛ ɔnkɔ nkɔfa asade na ɔnkɔfow, na ontiatia wɔn so sɛ mmorɔn so dɔte.


Mmirikatuni tu mmirika kohyia mmirikatuni, ɔbɔfo nam hyia ɔbɔfo foforo kɔbɔ Babel hene kaseɛ, sɛ wɔafa ne kurow no, efi ti kɔ ti,


Wɔn anan yɛ hare, mogyahwiegu ho,


Na mmɔborohunu nni atemmu mu mma nea wanhu mmɔbɔ, na mmɔborohunu hoahoa ne ho di atemmu so nim.


Na afei kɔ na kokum Amalek, na monsɛe nea wɔwɔ nyinaa pasaa, na nkyɛe wɔn so, na kum mmarima ne mmea, mmofra ne nkokoaa, anantwi ne nguan, yoma ne mfurum.


Na asɔfo kurow Nob no nso, ɔde nkrante kunkum wɔn; mmarima ne mmea, mmofra ne nkokoaa, anantwi ne mfurum ne nguan nyinaa na ɔde nkrante kunkum wɔn.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan