Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Ester 3:10 - KYERƐW KRONKRON

10 Ɛnna ɔhene no yii ne pɛtea fii ne nsa de maa Agagni Haman a ɔyɛ Hamedata ba, Yudafo tamfo no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

10 Ɛnna ɔhene no yii ne pɛtea firii ne nsa de maa Agagni Haman a ɔyɛ Hamedata ba, Yudafoɔ tamfo no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Ɔhene no penee so, worɔw ne pɛtea de maa Agagni Hamedata babarima Haman a ɔyɛ Yudafo tamfo no de sii asɛm no so dua.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

10 Ɛnna ɔhene no yii ne pɛtea firii ne nsa de maa Agagni Haman a ɔyɛ Hamedata ba, Yudafoɔ tamfo no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Ɔhene no penee so, worɔɔ ne pɛtea de maa Agagni Hamedata babarima Haman a ɔyɛ Yudafoɔ ɔtamfoɔ no de sii asɛm no so dua.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Ester 3:10
7 Iomraidhean Croise  

Na Farao yii nsɔanokaa fii ne nsa de hyɛɛ Yosef nsa, na ɔhyɛɛ no sedaa nnwira atade, na ɔde sika ntweaban guu ne kɔn mu,


Nsɛm yi akyi no, ɔhene Akas-weros yɛɛ Agagni Haman a ɔyɛ Hamedata ba kɛse, na ɔmaa no so, na ɔmaa n’agua so sene mmapɔmma a wɔne no wɔ hɔ no nyinaa de.


Na ɔhene no ka kyerɛɛ Haman sɛ: Dwetɛ no, wɔde ama wo, na ɔman no nso, yɛ wɔn sɛnea wopɛ.


Na sɛ ɔhene pɛ a, ma wɔnkyerɛw sɛ wɔnsɛe wɔn, na mɛkari dwetɛ dwetikɛse ɔpedu mahyɛ wɔn a wɔyɛ ɔhene adwuma no nsa, sɛ wɔmfa ngu ɔhene akorade mu.


Na Ester se: Onipa ɔhohiahiafo ne ɔtamfo no ne Haman otirimmɔdenfo yi. Ɛnna nketenkete kitaa Haman, ɔhene ne ɔhemmea no anim.


Na ɔhene no yii ne pɛtea a ogyee Haman nsam no de maa Mordekai. Na Ester de Mordekai sii Haman fi so.


Na mo ara monkyerɛw Yudafo no ho sɛnea mopɛ ɔhene din mu, na momfa ɔhene pɛtea nsɔ ano, efisɛ ɔkyerɛw a wɔakyerɛw ɔhene din mu na wɔde ɔhene pɛtea nsɔwano no, wontumi nsan.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan