Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Ester 2:9 - KYERƐW KRONKRON

9 Na ababaa no sɔɔ n’ani, na onyaa n’anim anuonyam; na ɔyɛɛ ntɛm de ne nku ne ne nnuan maa no, na ɔde mmabaa baasɔn a wɔyii wɔn fii ɔhene fi maa no, na ɔde no ne mmabaa no kɔtenaa nea ɛhɔ ye wɔ mmea no fi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Na ababaa no sɔɔ n’ani, na ɔnyaa n’anim animuonyam; na ɔyɛɛ ntɛm de ne nku ne ne nnuane maa no, na ɔde mmabaa nson a wɔyii wɔn firii ɔhene fie maa no, na ɔde no ne mmabaa no kɔtenaa deɛ ɛhɔ yɛ wɔ mmaa no fie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Hegai ani gyee Ɛster ho yiye, maa ɔhwɛɛ no yiye. Ntɛm ara, ɔma wɔmaa no aduan sononko, na ɔmaa no ahosiesie nnuru kaa ho. Ɔsan de mfenaa baason a oyii wɔn fii ahemfi hɔ no maa no, na ɔde ɔno ne mfenaa no kɔtenaa nea ɛhɔ ye pa ara wɔ mmea atenae hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

9 Na ababaa no sɔɔ n’ani, na ɔnyaa n’anim animuonyam; na ɔyɛɛ ntɛm de ne nku ne ne nnuane maa no, na ɔde mmabaa nson a wɔyii wɔn firii ɔhene fie maa no, na ɔde no ne mmabaa no kɔtenaa deɛ ɛhɔ yɛ wɔ mmaa no fie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Hegai ani gyee Ɛster ho yie, ma ɔhwɛɛ no yie. Ntɛm ara, ɔma wɔmaa no aduane sononko, na ɔmaa no ahosiesie nnuro kaa ho. Ɔsane de mfenaa baason a ɔyii wɔn firii ahemfie hɔ maa no, na ɔde ɔno ne mfenaa no kɔtenaa deɛ ɛhɔ yɛ pa ara wɔ mmaa atenaeɛ hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Ester 2:9
12 Iomraidhean Croise  

Na AWURADE dii Yosef akyi, na ɔdom no, na ɔmaa n'anim baa nyam wɔ afiasehwɛfo no anim.


Yosef nyaa n'anim dom, na ɔsom no; na ɔde no sii ne fi so, na ɔde nea ɔwɔ nyinaa hyɛɛ ne nsa.


na fa wo man bɔne a wɔayɛ wo ne wɔn mmarato a wɔato afom wo no nyinaa kyɛ wɔn, na ma wonnya wɔn nnommumfafo no anim mmɔborohunu, na wonhu wɔn mmɔbɔ.


ɔno Esra no foro fi Babel bae, nso ɔyɛ ɔkyerɛwfo a wakwadaw Mose mmara a AWURADE Israel Nyankopɔn de mae no mu. Ɔno na ɔhene de nea obisae nyinaa maa no, efisɛ AWURADE Nyankopɔn nsa wɔ no so.


ne nhoma nso a mede mekɔma ɔhene kwaehwɛfo Asaf, sɛ ɔmma me nnua a mede bɛyɛ aban a ɛwɔ ofi no ho no apon no mpuran, ne kurow no fasu no de, ne ofi a merekɔ mu no de no. Na me Nyankopɔn ayamye nsa a ɛwɔ me so no nti, ɔhene no maa me.


Na edu mmabaa no biara so a, ɔkɔ ɔhene Ahas-weros nkyɛn. Nso wɔyɛɛ no sɛ mmea no ahosiesie mmara te, kosii sɛ asram dumien dui ansa. Na sɛnea wɔn sra nna dodow te no, wɔde kurobow bɔɔ no asram asia, na wɔde nnuhuam ne mmea nku sraa no asram asia nso.


na ɔhene nsisi ahwɛfo n’ahenni nsase nyinaa so, na wonhyiahyia mmaabun a wɔn ho yɛ fɛ nyinaa mmra Susan aban mu, mmea fi, ɔhene piani Hegai a ɔhwɛ mmea so no nkyɛn, na wɔmma wɔn wɔn nku.


Na ɛbae sɛ ɔhene no huu ɔhemmea Ester sɛ ogyina abangua so no, onyaa n’anim anuonyam, na ɔhene no teɛɛ sika ahempoma a ɛwɔ ne nsam no kyerɛɛ Ester. Na Ester twiw bɛnee, na ɔbɛkaa ahempoma no ti.


Na ɔmaa wɔn a wɔfaa wɔn nnommum nyinaa huu wɔn mmɔbɔ.


Sɛ onipa akwan sɔ AWURADE ani a, ɔma n’atamfo po ne no ntam ba asomdwoe.


Na Onyankopɔn maa Daniel nyaa apiafohene no anim adɔe ne mmɔborohunu.


Na oyii no fii n’amanehunu nyinaa mu, na ɔmaa no adom ne nyansa Misraim hene Farao anim, na ɔde no sii Misraim ne ne fi nyinaa so amrado.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan