Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Ester 2:7 - KYERƐW KRONKRON

7 Na ɔno na ɔtetew n’agya ne nua ba Hadasa a ɔne Ester, efisɛ na onni agya ne ɛna; na ababaa no nipadua yɛ fɛ, na n’anim nso tew. Na n’agya ne ne na wuwui no, Mordekai faa no yɛɛ ne ba.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 Na ɔno na ɔtetee n’agya nua ba Hadasa a ɔne Ester, ɛfiri sɛ na ɔnni agya ne ɛna; na ababaa no ho yɛ fɛ, na n’anim nso te. Na n’agya ne ne na wuwuiɛ no, Mordekai faa no yɛɛ ne ba.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Na saa ɔbarima yi wɔ onua hoɔfɛfo bi a ne din de Hadasa a na wɔsan frɛ no Ɛster. Bere a nʼagya ne ne na wuwui no, Mordekai faa no kaa nʼabusua ho, tetew no sɛ nʼankasa babea.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

7 Na ɔno na ɔtetee n’agya nua ba Hadasa a ɔne Ester, ɛfiri sɛ na ɔnni agya ne ɛna; na ababaa no ho yɛ fɛ, na n’anim nso te. Na n’agya ne ne na wuwuiɛ no, Mordekai faa no yɛɛ ne ba.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Na saa ɔbarima yi wɔ onua hoɔfɛfoɔ bi a ne din de Hadasa a na wɔsane frɛ no Ɛster. Ɛberɛ a nʼagya ne ne maame wuwuiɛ no, Mordekai faa no kaa nʼabusua ho, tetee no sɛ nʼankasa babaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Ester 2:7
12 Iomraidhean Croise  

Na afei wo mma baanu a wɔwoo maa wo wɔ Misraim asase so ansa na mereba wo nkyɛn Misraim no, wɔnyɛ me dea. Efraim ne Manase nyɛ me dea sɛ: Ruben ne Simeon.


sɛ wɔnkɔfa ɔhemmea Wasti mmra ɔhene anim, ahenni abotiri no mu, na ɔmma aman no ne mmapɔmma no nhu n’ahoɔfɛ, efisɛ ne ho yɛ fɛ.


Na eduu Ester a ɔyɛ Mordekai n’agya nua Abihail ba a ɔfaa no yɛɛ ne ba no so sɛ ɔbɛkɔ ɔhene no nkyɛn no, wammisa hwee gye nea Hegai a ɔyɛ ɔhene piani a ɔhwɛ mmea no so no tuu no fo wɔ ho no. Na Ester nyaa wɔn a wohuu no nyinaa anim anuonyam.


Na Ester nnya nkyerɛɛ n’abusua ne ne man, sɛnea Mordekai hyɛɛ no no; efisɛ Ester di Mordekai asɛm so sɛ bere a ɔhwɛ no so no.


Da no ara na ɔhene Ahas-weros de Haman, Yudafo tamfo no, fi maa ɔhemmea Ester. Na Mordekai baa ɔhene no anim, efisɛ Ester aka sɛnea ɔne no ntam te no.


na me nkutoo madi me m'aduan, na ayisaa anni mu bi a,


mmom efi ne mmofraase na meyɛn no sɛ agya, na efi ne na yam na mekyerɛɛ no kwan,


na mayɛ mo agya, na moayɛ me mmammarima ne mmabea, Awurade Tumfo na ose.


Na agyanom, munnyi mo mma abufuw, na mmom monyɛn wɔn Awurade kasakyerɛ ne nyansakyerɛ mu.


Monhwɛ ɔdɔ ko a Agya no de akyɛ yɛn, sɛ wɔmfrɛ yɛn Nyankopɔn mma, na yɛyɛ nso. Eyi nti wiase nhu yɛn, efisɛ enhuu no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan