Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Ester 2:6 - KYERƐW KRONKRON

6 a wotuu no fii Yerusalem ne nnommum a wotuu wɔn ne Yudahene Yekonia a Babelhene Nebukadnesar tuu wɔn kɔe no mu biako.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

6 a wɔtuu no firii Yerusalem ne nnommum a wɔtuu wɔn ne Yudahene Yekonia a Babelhene Nebukadnessar tuu wɔn kɔeɛ no mu baako.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Ɔhene Nebukadnessar na otwaa nʼabusuafo ne Yudahene Yekonia ne afoforo bi asu fii Yerusalem kɔɔ Babilonia.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

6 a wɔtuu no firii Yerusalem ne nnommum a wɔtuu wɔn ne Yudahene Yekonia a Babelhene Nebukadnessar tuu wɔn kɔeɛ no mu baako.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Ɔhene Nebukadnessar na ɔtwaa nʼabusuafoɔ ne Yudahene Yekonia ne afoforɔ bi asuo firii Yerusalem kɔɔ Babilonia.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Ester 2:6
8 Iomraidhean Croise  

Ɛnna Yuda hene Yehoiakin de ne ho kɔmaa Babel hene, ɔno ne ne na ne ne nkoa ne ne mmapɔmma ne n’apiafo; na Babel hene faa no, n’ahenni afe a ɛto so awotwe no mu.


Na Yehoiakim wui, na ne ba Yehoiakin bedii n’ade.


Na nkae a wɔkae afoa ano no, otutuu wɔn kɔɔ Babel, na wɔkɔyɛɛ ɔno ne ne mma nkoa kosii Persia ahenni so,


Sɛ mete ase yi, AWURADE asɛm ni, sɛ Yuda hene Konia a ɔyɛ Yehoiakim ba no yɛ me nifa so nsɔanokaa po a, anka mɛtew no mafi hɔ.


So ɔbarima Konia yi ayɛ sɛ annwene a abɔ na wommu, anaa ade bi a obiara ani nnye ho? Ɛdɛn nti na wɔtow no ne n’asefo gu asase a wonnim so yi?


AWURADE ma mehwɛe, na hwɛ, mmorɔdɔma nkɛntɛn abien a wɔde asisi AWURADE asɔredan anim ni, ɛbere a Babel hene Nebukadnesar tuu Yuda hene Yekonia a ɔyɛ Yehoiakim ba ne Yuda asafohene ne adwumfo ne atomfo fii Yerusalem kɔɔ Babel no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan