Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Ester 2:5 - KYERƐW KRONKRON

5 Nso Yudani bi wɔ Susan ahenkurow mu a ne din de Mordekai, Benyaminni a ɔyɛ Yair ba, Simei ba, Kis ba

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Nso na Yudani bi wɔ Susa ahenkuro mu a na ne din de Mordekai, Benyaminni a ɔyɛ Yair ba, Simei ba, Kis ba

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Na Yudani bi a ɔyɛ Yair babarima a ne din de Mordekai te Susa aban no mu. Na ofi Benyamin abusuakuw mu. Na ɔyɛ Kis ne Simei aseni.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

5 Nso na Yudani bi wɔ Susa ahenkuro mu a na ne din de Mordekai, Benyaminni a ɔyɛ Yair ba, Simei ba, Kis ba

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Na Yudani bi a ɔyɛ Yair babarima a ne din de Mordekai te Susa aban no mu. Na ɔfiri Benyamin abusuakuo mu. Na ɔyɛ Kis ne Simei aseni.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Ester 2:5
10 Iomraidhean Croise  

Na ɔhene Dawid duu Bahurim no, hwɛ, ɔbarima bi a ofi Saul abusua mu a wɔfrɛ no Simei a ɔyɛ Gera ba fii adi fii hɔ bae; na ɔreba no, na ɔredome.


Ɛnna Yuda hene Yehoiakin de ne ho kɔmaa Babel hene, ɔno ne ne na ne ne nkoa ne ne mmapɔmma ne n’apiafo; na Babel hene faa no, n’ahenni afe a ɛto so awotwe no mu.


Na otuu Yehoiakin kɔɔ Babel; na ɔhene ne na ne ɔhene yerenom ne n’apiafo ne asase no so atumfo, otuu wɔn fii Yerusalem de wɔn kɔɔ Babel,


Saa bere no na, ɔhene Ahas-weros te n’ahengua a ɛwɔ Susan abankɛse no mu no so,


Na Yudani Mordekai no ne nea odi Ɔhene Ahas-weros akyi wɔ tumi mu. Yudafo no mu nso ɔyɛ onipa kɛse, na ne nuanom dodow no pɛɛ n’asɛm. Ɔhwehwɛɛ ne man no yiyedi, na ɔkaa asomdwoesɛm kyerɛɛ n’asefo nyinaa.


na ɔhene nsisi ahwɛfo n’ahenni nsase nyinaa so, na wonhyiahyia mmaabun a wɔn ho yɛ fɛ nyinaa mmra Susan aban mu, mmea fi, ɔhene piani Hegai a ɔhwɛ mmea so no nkyɛn, na wɔmma wɔn wɔn nku.


Na ababaa a ɔbɛsɔ ɔhene ani no nni hemmaa nsi Wasti ananmu. Na asɛm no sɔɔ ɔhene ani, na ɔyɛɛ sa.


Na da a ɛto so abiɛsa no, Ester hyɛɛ ɔhemmea atade, na okogyinaa ahemfi emu fam abangua so, ɔhene dan no ntentenso. Na ɔhene no te n’ahengua so ahemfi, ofi no pon ano ntentenso.


Nso ɔdefo bi wɔ hɔ a ne din de Kis. Ofi Benyamin abusua mu. N’agya din de Abiel, na nena ne Sero, wofi Bekorat fi wɔ Afia abusua mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan