Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Ester 2:18 - KYERƐW KRONKRON

18 Ɛnna ɔhene no tow pon kɛse maa ne mmapɔmma ne ne nkoa nyinaa. Eyi ne Ester apontow. Na ɔde amantam no tow kyɛɛ wɔn, na ɔkyekyɛɛ ade sɛnea ɛfata ɔhene.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

18 Ɛnna ɔhene no too pono kɛseɛ maa ne mmapɔmma ne ne nkoa nyinaa. Yei ne Ester apontoɔ. Na ɔde amantam no toɔ kyɛɛ wɔn, na ɔkyekyɛɛ adeɛ sɛdeɛ ɛfata ɔhene.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

18 Ahemmeasi no mu no, ɔtoo pon maa ne mmapɔmma ne asomfo nyinaa de hyɛɛ Ɛster anuonyam. Ɔmaa obiara akyɛde bebree, na ɔyɛɛ no afoofida wɔ amantam no nyinaa so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

18 Ɛnna ɔhene no too pono kɛseɛ maa ne mmapɔmma ne ne nkoa nyinaa. Yei ne Ester apontoɔ. Na ɔde amantam no toɔ kyɛɛ wɔn, na ɔkyekyɛɛ adeɛ sɛdeɛ ɛfata ɔhene.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

18 Ahemmaasie no mu, ɔtoo ɛpono maa ne mmapɔmma ne asomfoɔ nyinaa de hyɛɛ Ɛster animuonyam. Ɔmaa obiara akyɛdeɛ bebree, na ɔyɛɛ no afahyɛ wɔ amantam no nyinaa so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Ester 2:18
14 Iomraidhean Croise  

Na Laban boaboaa kurom hɔfo nyinaa ano, na ɔtow pon.


Na Lewifo no maa ɔman no nyinaa yɛɛ komm sɛ: Monyɛ dinn, na ɛnnɛ da yi yɛ kronkron, na mommma mo werɛ nnhow mo ho.


Na wɔhyehyɛɛ nsa, sika nkuruwa mu, na nkuruwa no nso gu ahorow, na ɔhene nsa no dɔɔso, sɛnea ɛwɔ ɔhene no nsam.


sɛ nna a Yudafo nyaa mu home fii wɔn atamfo nsam, ne ɔsram a ɛdan wɔn fii awerɛhow mu kɔɔ anigye mu na efii nkɔmmɔdi mu kɔɔ dapa mu, sɛ wɔmfa nyɛ apontow ne anigye ne ɔyɔnko ne yɔnko adiama ne ahiafo adekyɛ nna.


Sion mmabea, mumfi adi mmɛhwɛ ɔhene Solomon, abotiri a ne na de bɔɔ no, ne yere hyia da ne ne koma anigye da no.


Maba me turo mu, me nua, ayeforo, meretetew me kurobow ne m’aduhuam, meredi me wokyɛm ne me wo, merenom me nsa ne me nufusu. Nnamfonom, munnidi, adɔfonom, monnom na mommee.


Ɔsoro ahenni te sɛ ɔhene bi a ɔtoo ayeforo pon maa ne ba.


Na da a ɛsɛ dui a Herode redi n’awoda no, ɔtow pon maa n’atitiriw ne n’asafohene ne Galilea mpanyimfo,


Sɛ obi to nsa frɛ wo ayeforo ase a, nkɔtena mpanyin tenabea! Ebia wɔato nsa afrɛ nea n’anim yɛ nyam sen wo.


Na wɔn a wɔtete asase so ani begye wɔn ho, na wɔn bo atɔ wɔn yam, na wɔamenamena wɔn ho ade, efisɛ adiyifo baanu yi ateetee wɔn a wɔte asase so.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Kyerɛw: Nhyira ne wɔn a wɔahyia wɔn Oguammaa no ayeforo ase. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onyankopɔn nsɛm a ɛyɛ nokware ni.


bisabisa wo mmerante no na wɔbɛka akyerɛ wo; enti ma mmerante no nnya w’anim anuonyam, na afahyɛ da na yɛaba yi, fa nea ɛtɔ wo nsam ma wo nkoa ne wo ba Dawid ɛ!


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan