Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Ester 2:16 - KYERƐW KRONKRON

16 Na wɔde Ester kɔɔ ɔhene Akas-weros nkyɛn n’ahemfi, ɔsram a ɛto so du a ɛne ɔsram Tebet [a ɛte sɛ Ɔpɛpɔn] no so, n’ahenni afe a ɛto so ason no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

16 Na wɔde Ester kɔɔ Ɔhene Akas-weros nkyɛn n’ahemfie, bosome a ɛtɔ so du a ɛne bosome Tebet no mu, n’ahennie afe a ɛtɔ so nson no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Bere a wɔde Ɛster kɔmaa ɔhene Ahasweros wɔ ahemfi hɔ Tebet ɔsram (bɛyɛ Ɔpɛpɔn) mu a na ɛyɛ nʼadedi mfe ason so no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

16 Na wɔde Ester kɔɔ Ɔhene Akas-weros nkyɛn n’ahemfie, bosome a ɛtɔ so du a ɛne bosome Tebet no mu, n’ahennie afe a ɛtɔ so nson no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Ɛberɛ a wɔde Ɛster kɔmaa ɔhene Ahasweros wɔ ahemfie hɔ Tebet bosome (bɛyɛ Ɔpɛpɔn) mu a na ɛyɛ nʼadedie mfeɛ nson so no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Ester 2:16
7 Iomraidhean Croise  

Na Akas-weros ahenni so, ofii n’ahenni ase no, wɔkyerɛw Yuda ne Yerusalemfo ho anototo nhoma.


Na ɔbaa Yerusalem ɔsram a ɛto so anum no so, ɔhene no afe a ɛto so ason no ara mu.


Nsɛm yi akyi a ɔhene Ahas-weros abufuw no ano dwoe no, ɔkaee Wasti ne nea ɔyɛe ne nea wɔahyɛ atia no no.


Na eduu Ester a ɔyɛ Mordekai n’agya nua Abihail ba a ɔfaa no yɛɛ ne ba no so sɛ ɔbɛkɔ ɔhene no nkyɛn no, wammisa hwee gye nea Hegai a ɔyɛ ɔhene piani a ɔhwɛ mmea no so no tuu no fo wɔ ho no. Na Ester nyaa wɔn a wohuu no nyinaa anim anuonyam.


Na ɔhene no dɔ Ester sen mmea no nyinaa, na onyaa anuonyam ne adom n’anim sen mmabaa no nyinaa, na ɔde ɔhemmeadi abotiri no hyɛɛ ne ti, na ɔma odii hemmaa Wasti ananmu.


na ɔhene nsisi ahwɛfo n’ahenni nsase nyinaa so, na wonhyiahyia mmaabun a wɔn ho yɛ fɛ nyinaa mmra Susan aban mu, mmea fi, ɔhene piani Hegai a ɔhwɛ mmea so no nkyɛn, na wɔmma wɔn wɔn nku.


Ɛnna wɔfrɛfrɛɛ ɔhene akyerɛwfo bere no mu, ɔsram a ɛto so abiɛsa a ɛne ɔsram Siwan no da a ɛto so aduonu abiɛsa, na wɔkyerɛwee sɛnea Mordekai hyɛe no nyinaa kɔmaa Yudafo no, ne amradofo akɛse ne nketewa, ne nsase no so mmapɔmma, de fi India de kosi Etiopia, nsase horow ɔha aduonu asɔn, asase biara asase sɛ ne nkyerɛwee te, ne ɔman biara man sɛ ne kasa te, ne Yudafo nso sɛ wɔn nkyerɛwee ne wɔn kasa te.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan