Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Ester 10:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Na Yudani Mordekai no ne nea odi Ɔhene Ahas-weros akyi wɔ tumi mu. Yudafo no mu nso ɔyɛ onipa kɛse, na ne nuanom dodow no pɛɛ n’asɛm. Ɔhwehwɛɛ ne man no yiyedi, na ɔkaa asomdwoesɛm kyerɛɛ n’asefo nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na Yudani Mordekai no ne deɛ ɔdi Ɔhene Akas-weros akyire wɔ tumi mu. Yudafoɔ no mu nso ɔyɛ onipa kɛseɛ, na ne nuanom dodoɔ no pɛɛ n’asɛm. Ɔhwehwɛɛ papa maa ne man, na ɔkaa asomdwoeɛsɛm maa n’asefoɔ nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Yudani Mordekai bɛyɛɛ ɔmanpanyin a ne tumi di ɔhene Ahasweros ankasa de akyi. Na odi mu wɔ Yudafo no mu. Na wobu no yiye, efisɛ na ne nkurɔfo yiyedi yɛ nʼahiasɛm. Na ɔne ahemfi hɔfo nyinaa tenaa yiye.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Na Yudani Mordekai no ne deɛ ɔdi Ɔhene Akas-weros akyire wɔ tumi mu. Yudafoɔ no mu nso ɔyɛ onipa kɛseɛ, na ne nuanom dodoɔ no pɛɛ n’asɛm. Ɔhwehwɛɛ papa maa ne man, na ɔkaa asomdwoeɛsɛm maa n’asefoɔ nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Yudani Mordekai bɛyɛɛ ɔman panin a ne tumi di ɔhene Ahasweros ankasa deɛ akyi. Na ɔdi mu wɔ Yudafoɔ no mu. Na wɔbu no yie, ɛfiri sɛ, na ne nkurɔfoɔ yiedie yɛ nʼahiasɛm. Na ɔne ahemfie hɔfoɔ nyinaa tenaa yie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Ester 10:3
17 Iomraidhean Croise  

Wubedi me fi so, na w'anom asɛm so na me man nyinaa bedi, gye ahengua nko so na mɛsen wo.


Na bɛtena Gosen asase so, na woabɛn me, wo ne wo mma ne wo nenanom ne wo nguan ne w'anantwi ne nea wowɔ nyinaa,


na mɛhwɛ wo wɔ hɔ, efisɛ mfe anum kɔm da so reba, na ohia anhia wo ne wo fifo ne nea wowɔ nyinaa.


Na Sikri, Efraim dɔmmarima bi, kum ɔhene ba Maaseia ne ahemfi bapɔmma Asrikam ne Elkana a odi ɔhene akyi.


Na Horonni Sanbalat ne Tobia, akoa Amonni bi, tee no, ɛyɛɛ wɔn yaw kɛse, sɛ onipa bi aba rebɛhwehwɛ yiyedi ama Israelfo.


Nso Yudani bi wɔ Susan ahenkurow mu a ne din de Mordekai, Benyaminni a ɔyɛ Yair ba, Simei ba, Kis ba


Na ɔhene nkoa a wɔte ɔhene ponkɛse mu nyinaa kotow sɔree Haman, efisɛ saa na ɔhene ahyɛ ama no. Na Mordekai de, wankotow na wansɔre no.


Na mate wo nka sɛ wutumi kyerɛ nsɛm ase na wosan apɔw. Na sɛ wutumi kan kyerɛw no kyerɛ me ase a, wobefura wo ɔtankɔkɔɔ de sika ntweaban agu wo kɔn mu, na woayɛ nea ɔto so abiɛsa adi ahenni yi mu tumi.


Ɛnna Belsasar kae ma wofuraa Daniel ɔtankɔkɔɔ, na wɔde sika ntweaban guu ne kɔn mu, na wɔbɔɔ ne ho dawuru sɛ, ɔbɛyɛ nea ɔto so abiɛsa adi ahenni no mu tumi.


Na Daniel yi kyɛn abirempɔn ne amantam ahene no, efisɛ honhom a ɛkyɛn so wɔ no mu; na ɔhene no reyɛ de no asi ahemman no nyinaa so.


Anuanom, me koma mu ade a mepɛ ne me nkotɔ a mekotɔ mesrɛ Onyankopɔn mema wɔn ne sɛ wobenya nkwa.


Na nea ɔsom Kristo eyinom mu no, ɔsɔ Onyankopɔn ani, na nnipa bu no.


Na Israel ne Yuda nyinaa dɔɔ Dawid, efisɛ ɔno na odi wɔn anim ahyɛmfiri.


Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Nsuro, na m’agya Saul nsa renka wo, na wo na wubedi Israel so hene, na mayɛ w’abediakyiri; na m’agya Saul nso nim sa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan