Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Ester 10:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Na ne tumi ne ne mmaninyɛ nneyɛe ne Mordekai kɛse a ɔhene no maa no yɛe no ho asɛm no, wɔankyerɛw Media ne Persia Ahemfo Berɛsosɛm Nhoma no mu?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Na ne tumi ne ne mmaninyɛ nneyɛɛ ne Mordekai kɛseɛ a ɔhene no maa no yɛeɛ no ho nsɛm no, wɔantwerɛ no Media ne Persia Ahemfo Berɛsosɛm Nwoma no mu?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Ne mmaninyɛ ne Mordekai akunini nneyɛe ne sɛnea ɔhene pagyaw no no nyinaa no, wɔankyerɛw wɔ Media ne Persia ahemfo abakɔsɛm mu ana?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 Na ne tumi ne ne mmaninyɛ nneyɛɛ ne Mordekai kɛseɛ a ɔhene no maa no yɛeɛ no ho nsɛm no, wɔantwerɛ no Media ne Persia Ahemfo Berɛsosɛm Nwoma no mu?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Ne mmaninyɛ ne Mordekai akunini nneyɛɛ ne sɛdeɛ ɔhene pagyaa no nyinaa no, wɔatwerɛ wɔ Media ne Persia ahemfo abakɔsɛm mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Ester 10:2
10 Iomraidhean Croise  

Na Solomon ho nsɛm nkae ne nea ɔyɛe nyinaa ne ne nyansa no, wɔakyerɛw no Solomon ho nsɛm nhoma no mu?


Na Yeroboam ho nsɛm nkae, sɛnea odii ako ne sɛnea odii ne hene fae no, hwɛ, wɔakyerɛw Israel ahene beresosɛm nhoma no mu.


Na Ahab ho nsɛm nkae ne nea ɔyɛe nyinaa ne asonse dan a osii, ne nkurow a ɔkyekyee nyinaa, so wɔankyerɛw Israel ahene beresosɛm nhoma no mu?


Ɛnna wɔhwehwɛɛ asɛm no mu, na wohui, na wɔsensɛn wɔn baanu no dua so. Na wɔkyerɛw hyɛɛ Berɛsosɛm Nhoma no mu ɔhene anim.


Anadwo no, ɔhene anna, na ɔkae sɛ wɔmfa beresosɛm nkae nhoma no mmra; na wɔbɛkenkanee ɔhene anim.


Na Mordekai fii adi fii ɔhene no anim no, na ɔhyɛ ahentade bibiri ne fufu ne sika abotiri kɛse no ne nwera pa ne ɔtankɔkɔɔ atade yuu. Na Susan kurow no dii ahurusi, na wɔn ani gyei.


Na ɔhene no yii ne pɛtea a ogyee Haman nsam no de maa Mordekai. Na Ester de Mordekai sii Haman fi so.


Na Mordekai yɛ onipa kɛse ɔhene no fi, na ne nka hyetaa nsase no nyinaa so, na ɔbarima Mordekai no kɔɔ so yɛɛ kɛse ara.


Na woama me wo nkwagye kyɛm, na wo nsa nifa soo me mu, na wo mmoa maa meyɛɛ kɛse.


Ɛnna ɔhene yɛɛ Daniel kɛse, na ɔmaa no ayɛyɛde akɛse bebree, na ɔma odii Babel asase nyinaa so tumi ne Babel anyansafo nyinaa so mpanyimfo mu titiriw.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan