Ester 10:1 - KYERƐW KRONKRON1 Na ɔhene Ahas-weros de towyi too asase no, ne mpoaano aman no so. Faic an caibideilTwerɛ Kronkron1 Na Ɔhene Akas-weros de apeatoɔ too asase no ne mpoano aman no so. Faic an caibideilAkuapem Twi Nkwa Asɛm1 Ɔhene Ahasweros hyɛɛ sɛ wontua tow wɔ nʼaheman mu, a mpo wɔn a wɔwɔ mpoano akyirikyiri no nyinaa ka ho. Faic an caibideilNew Revised Asante Twi Bible1 Na Ɔhene Akas-weros de apeatoɔ too asase no ne mpoano aman no so. Faic an caibideilAsante Twi Nkwa Asɛm1 Ɔhene Ahasweros hyɛɛ sɛ wɔntua toɔ wɔ nʼahemman mu, a mpo wɔn a wɔwɔ mpoano akyirikyiri no nyinaa ka ho. Faic an caibideil |
Ɛnna wɔfrɛfrɛɛ ɔhene akyerɛwfo bere no mu, ɔsram a ɛto so abiɛsa a ɛne ɔsram Siwan no da a ɛto so aduonu abiɛsa, na wɔkyerɛwee sɛnea Mordekai hyɛe no nyinaa kɔmaa Yudafo no, ne amradofo akɛse ne nketewa, ne nsase no so mmapɔmma, de fi India de kosi Etiopia, nsase horow ɔha aduonu asɔn, asase biara asase sɛ ne nkyerɛwee te, ne ɔman biara man sɛ ne kasa te, ne Yudafo nso sɛ wɔn nkyerɛwee ne wɔn kasa te.