Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Ester 1:6 - KYERƐW KRONKRON

6 nwera ne bibitama sensɛn hɔ, wɔde nhama fufu ne nea ɛberedum asuso mu akyekyere dwetɛ nkaa wɔ mu, abofufu adum ho; sika ne dwetɛ nnae wowɔ abohemmaa ne abohyɛn ne abobiri ne dame nsɛwee so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

6 nwera ne bibitoma sensɛne hɔ, wɔde nhoma fufuo ne deɛ ɛberedum asosɔ mu akyekyere dwetɛ nkaa mu, abofufuo adum ho; sika ne dwetɛ mpa wowɔ abohemmaa ne abohyɛn ne abobire ne dame nsesɛeɛ so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Wɔde ntama fɛfɛ hanahana fitaa ne tuntum a wɔanwen mu sensɛn adiwo hɔ. Na wɔde ahama kɔkɔɔ akyekyere ahyɛ dwetɛ nkaa a ɛhyehyɛ abohemaa afadum mu. Sikakɔkɔɔ ne dwetɛ nkongua sisi abohemaa ne abohyɛn ne abobiri ne aboɔdemmo ahorow nsɛso so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

6 nwera ne bibitoma sensɛne hɔ, wɔde nhoma fufuo ne deɛ ɛberedum asosɔ mu akyekyere dwetɛ nkaa mu, abofufuo adum ho; sika ne dwetɛ mpa wowɔ abohemmaa ne abohyɛn ne abobire ne dame nsesɛeɛ so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Wɔde ntoma fɛfɛ nahanaha fitaa ne tuntum a wɔanwono mu sensɛnee adihɔ hɔ. Na wɔde nhoma kɔkɔɔ akyekyere ahyɛ dwetɛ nkawa a ɛhyehyɛ abohemaa afadum mu. Sikakɔkɔɔ ne dwetɛ nkonnwa sisi abohemaa ne abohyɛn ne abobire ne aboɔdemmoɔ ahodoɔ nsesɛeɛ so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Ester 1:6
10 Iomraidhean Croise  

Na ɔhene no san fii ahemfi turo no mu baa apontow no ase, na Haman ahwe nnae a Ester wɔ so no so. Na ɔhene kae sɛ: So ɔrebɛhyɛ ɔhemmea po ne no ada wɔ m’anim, wɔ me ara me fi ha nso? Asɛm no fii ɔhene anom ara pɛ, na wɔkataa Haman ti.


Na Mordekai fii adi fii ɔhene no anim no, na ɔhyɛ ahentade bibiri ne fufu ne sika abotiri kɛse no ne nwera pa ne ɔtankɔkɔɔ atade yuu. Na Susan kurow no dii ahurusi, na wɔn ani gyei.


Na tenabea no, yɛ no ntama du a ɛyɛ asaawa fitaa a wɔafira ne bibiri ne asaawa a ɛbere dum ne adidi. Yɛ emu kerubim a ɛyɛ ntamanwene mu adwinni.


na wotenaa nnae a anim yɛ duru so, na ɔpon a wɔatow si w’anim, na wode m’aduhuam ne me ngo sisii so.


na wɔda awowa ntama so, afɔremuka nyinaa nkyɛn mu, na wɔnonnom wɔn a wɔadi wɔn kasa nsa, wɔn anyame fi.


Sɛ AWURADE se ni: Sɛnea oguanhwɛfo hwim nnyaawa abien anaa asokoraa fi gyata anom no, saa ara nso na wobehwim Israelfo a wɔtete Samaria, te sɛ nnae twea so sin bi anaa mpa so ntama sin bi.


Wɔdeda asonse mpadua so, na wɔtwe wɔn mu wɔn nnae so, na wodi nguanten mma a wofi nguankuw mu, ne nantwi mma a wofi ɔyɛn dan mu;


Na wampene, kae sɛ: Merenni. Na ne nkoa ne ɔbea no nso hyɛɛ no, na otiee wɔn, na ɔsɔre fii fam tenaa mpa so.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan