Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Ester 1:4 - KYERƐW KRONKRON

4 Ɛno mu na oyii n’ahenni anuonyam dodow ne ne kɛseyɛ haran ne ne fɛ no kyerɛe nna pii, nnafua ɔha aduɔwɔtwe.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Ɛno mu na ɔyii n’ahennie animuonyam dodoɔ, ne ne kɛseyɛ hran, ne ne fɛ no kyerɛeɛ nna pii, nnafua ɔha aduɔwɔtwe.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Afahyɛ no dii asram asia, na ɔdaa nʼaheman mu sika mpempem ne emu anuonyam adi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

4 Ɛno mu na ɔyii n’ahennie animuonyam dodoɔ, ne ne kɛseyɛ hran, ne ne fɛ no kyerɛeɛ nna pii, nnafua ɔha aduɔwɔtwe.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Afahyɛ no dii abosome nsia, na ɔdaa nʼahemman mu sika pepe ne emu animuonyam adi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Ester 1:4
25 Iomraidhean Croise  

Na AWURADE maa Solomon soe kɛse pa ara Israel nyinaa ani so, na ɔhyɛɛ no ahenni mu anuonyam a ahene a wodii Israel so dii n’anim no biara nnyaa bi da.


n’ahenni afe a ɛto so abiɛsa mu no, ɔtow ne mmapɔmma nyinaa ne ne nkoa pon, a Persia ne Media dɔm so atumfo ne mmakoma ne amantam no so asafohene wɔ n’anim.


Na nna yi wiee du no, ɔhene no tow nkurɔfo a wɔwɔ Susan abankɛse no mu nyinaa pon fi ɔkɛse so koduu akumaa so nnansɔn, ahemfi turo no abangua so,


Ɛnne fa tumidi ne kɛseyɛ hyehyɛ wo ho, na fura ɔhyerɛn ne anuonyam,


Medwen w’anuonyam a ɛharan no kɛseyɛ ne w’anwonwade no ho.


N’anuonyam so wo nkwagye nti, kɛseyɛ ne nidi na wode ama no.


Otumfo, fa w’afoa bɔ w’asen, fa w’anuonyam ne w’ahensɛm bɔ wo ho so.


AWURADE di hene, ɔde anuonyam ahyehyɛ ne ho. AWURADE ahyehyɛ ne ho, ɔde ahoɔden akyekyere ne ho, na wiase tim hɔ a ɛrenhim.


Na Hesekia nyaa wɔn ho anigye, na ɔkyerɛɛ wɔn n’akoradedan, dwetɛ ne sika ne nnuhuam ne ngo pa ne n’akodedan nyinaa ne nea wohu n’akoradedan mu nyinaa; biribi nni ne fi ne nea odi so nyinaa mu a Hesekia amfa ankyerɛ wɔn.


wo nyansa dodow ne w’aguadi na wode ama w’ade adɔɔso, na w’ade no nti wo koma ahoman,


na ɔhene no kae sɛ: So, ɛnyɛ Babel kɛse a makyekye mayɛ ahenni gyinabea, me tumi denyɛ so, na ama m’anuonyam agye din no ni anaa?


Ɛbere no mu ara na m’adwene san baa me mu, na nea ɛbɛyɛ na m’ahenni agye din bio nti, m’anuonyam ne me haran san baa me so, na m’agyinatufo ne m’aberɛmpɔn bɛpɛɛ me, na wɔde me sii m’ahenni so bio, na wɔde tumi a ɛsen kan de no maa me.


Ao, ɔhene, ɔsorosoro Nyankopɔn de ahenni ne kɛseyɛ ne nidi ne anuonyam maa w’agya Nebukadnesar,


Na ɔbonsam faa no bio kɔɔ bepɔw tententen bi so, na ɔkyerɛɛ no wiase ahenni nyinaa ne emu anuonyam,


Na mfa yɛn nkɔ sɔhwɛ mu, na yi yɛn fi bɔne mu. [Na wo na ahenni ne ahoɔden ne animuonyam yɛ wo dea daa, Amen.]


sɛ ɔbɛma wɔahu n’anuonyam ahonya nso, mmɔborohunu ade a wɔasiesie ama anuonyam no so a, wobɛka dɛn?


na moate ase, na moahu ne frɛ anidaso no ne n’apɛgyade anuonyam ahonya wɔ ahotefo no mu.


Onyankopɔn pɛ sɛ ɔma n'ahotefo hu ahintasɛm yi anuonyam ahonya wɔ amanaman mu, a ɛne Kristo a ɔwɔ mo mu, anuonyam anidaso no.


Awurade, wofata sɛ wugye anuonyam ne nidi ne tumi, efisɛ wo na wobɔɔ nneɛma nyinaa, na wo pɛ nti na wɔwɔ hɔ na wɔbɔe.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan