Ester 1:22 - KYERƐW KRONKRON22 Na ɔsoma ma wɔde nhoma kokɔɔ ɔhene no amantam nyinaa so, na wɔde kɔɔ asase biara so sɛ ne nkyerɛwee te, ne ɔman biara so sɛ ne kasa te: Sɛ ɔbarima biara nni ne fi so panyin, na ɔmfa ne man kasa nka mma wɔnte. Faic an caibideilTwerɛ Kronkron22 Na ɔsoma maa wɔde nwoma kɔɔ ɔhene no amantam nyinaa so, na wɔde kɔɔ asase biara so sɛdeɛ ne ntwerɛ teɛ, ne ɔman biara so sɛdeɛ ne kasa teɛ, sɛ ɔbarima biara nni ne fie so panin, na ɔmfa ne man kasa nka mma wɔnte. Faic an caibideilAkuapem Twi Nkwa Asɛm22 Ɔkyerɛw nkrataa kɔɔ nʼaheman no mu mmaa nyinaa. Ɔkyerɛw ɔmantam biara wɔ ne kasa mu, sɛ ɔbarima biara nni ne fi so. Faic an caibideilNew Revised Asante Twi Bible22 Na ɔsoma maa wɔde nwoma kɔɔ ɔhene no amantam nyinaa so, na wɔde kɔɔ asase biara so sɛdeɛ ne ntwerɛ teɛ, ne ɔman biara so sɛdeɛ ne kasa teɛ, sɛ ɔbarima biara nni ne fie so panin, na ɔmfa ne man kasa nka mma wɔnte. Faic an caibideilAsante Twi Nkwa Asɛm22 Ɔtwerɛɛ nkrataa kɔɔ nʼahemman no mu afanan nyinaa. Ɔtwerɛɛ ɔmantam biara wɔ ne kasa mu, sɛ ɔbarima biara nni ne fie so. Faic an caibideil |
Ɛnna wɔfrɛfrɛɛ ɔhene no akyerɛwfo ɔsram a edi kan no da a ɛto so dumiɛnsa, na wɔkyerɛwee sɛ Haman hyɛe nyinaa de kɔmaa ɔhene no amradofo ne amantam no mmiako mmiako so ahwɛfo ne aman no nyinaa so mmapɔmma, asase biara sɛ ne nkyerɛwee te, ne ɔman biara man sɛ ne kasa te; wɔde ɔhene Ahas-weros din na ɛkyerɛwee, na wɔde ɔhene no pɛtea sɔw ano.
Ɛnna wɔfrɛfrɛɛ ɔhene akyerɛwfo bere no mu, ɔsram a ɛto so abiɛsa a ɛne ɔsram Siwan no da a ɛto so aduonu abiɛsa, na wɔkyerɛwee sɛnea Mordekai hyɛe no nyinaa kɔmaa Yudafo no, ne amradofo akɛse ne nketewa, ne nsase no so mmapɔmma, de fi India de kosi Etiopia, nsase horow ɔha aduonu asɔn, asase biara asase sɛ ne nkyerɛwee te, ne ɔman biara man sɛ ne kasa te, ne Yudafo nso sɛ wɔn nkyerɛwee ne wɔn kasa te.