Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Ester 1:19 - KYERƐW KRONKRON

19 Sɛ ɔhene pɛ a, ɔmma asɛm bi mfi ne hɔ, na wɔnkyerɛw no Persia ne Media mmara nsɛm mu, na wɔannan ani sɛ: Wasti mmma ɔhene Ahas-weros anim bio; na ɔhene mfa ne hemmaadi no mma ne yɔnko a oye sen no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

19 Sɛ ɔhene pɛ a, ɔmma asɛm bi mfiri ne hɔ, na wɔntwerɛ no Persia ne Media mmara nsɛm mu, na wɔannane ani, sɛ: Wasti mmma Ɔhene Akas-weros anim bio; na ɔhene mfa ne hemmaadie no mma ne yɔnko a ɔyɛ sene no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

19 “Enti sɛ ɔhene bɛpene so a, yesusuw sɛ, ebeye sɛ ɔhene bɛhyɛ mmara a wɔakyerɛw no Persiafo ne Mediafo mmara mu a wontumi nsakra mu. Ɛsɛ sɛ ɛhyɛ sɛ wɔmpam ɔhemmea Wasti mfi wʼani so, na wonsi ɔhemmea foforo a ɔsom bo kyɛn no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

19 Sɛ ɔhene pɛ a, ɔmma asɛm bi mfiri ne hɔ, na wɔntwerɛ no Persia ne Media mmara nsɛm mu, na wɔannane ani, sɛ: Wasti mmma Ɔhene Akas-weros anim bio; na ɔhene mfa ne hemmaadie no mma ne yɔnko a ɔyɛ sene no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

19 “Enti, sɛ ɔhene bɛpene so a, yɛsusu sɛ, ɛbɛyɛ sɛ ɔhene bɛhyɛ mmara a wɔatwerɛ no Persiafoɔ ne Mediafoɔ mmara mu a wɔntumi nsakra mu. Ɛsɛ sɛ ɛhyɛ sɛ wɔmpam ɔhemmaa Wasti mfiri wʼani so, na wɔnsi ɔhemmaa foforɔ a ɔsom bo kyɛn no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Ester 1:19
10 Iomraidhean Croise  

Na Israel nyinaa tee atɛn a ɔhene bui no, wosuroo ɔhene anim, efisɛ wohui sɛ Onyankopɔn nyansa wɔ no mu a ɔde bu atɛn.


Na ɛnnɛ da yi Persia ne Media mmea adehye a wɔate ɔhemmea no asɛm no bɛkeka akyerɛ ɔhene asafohene nyinaa, na animtiaabu ne abohuru bɛdɔɔso.


Na asɛm no sɔɔ ɔhene ne mmapɔmma no ani, na ɔhene no yɛe sɛ, Memukan kae no.


Nsɛm yi akyi a ɔhene Ahas-weros abufuw no ano dwoe no, ɔkaee Wasti ne nea ɔyɛe ne nea wɔahyɛ atia no no.


Na sɛ ɔhene pɛ a, ma wɔnkyerɛw sɛ wɔnsɛe wɔn, na mɛkari dwetɛ dwetikɛse ɔpedu mahyɛ wɔn a wɔyɛ ɔhene adwuma no nsa, sɛ wɔmfa ngu ɔhene akorade mu.


na ɔkae sɛ: Sɛ ɔhene pɛ na sɛ m’anim aba nyam n’anim, na asɛm no teɛ ɔhene anim, na me nso mesɔ n’ani a, ma wɔnkyerɛw nkotwa nhoma a Agagni Haman a ɔyɛ Hamedata ba dwenee ho na ɔkyerɛwee sɛ ɔde rekɔsɛe Yudafo a wɔwɔ ɔhene nsase nyinaa so no mu,


Na mo ara monkyerɛw Yudafo no ho sɛnea mopɛ ɔhene din mu, na momfa ɔhene pɛtea nsɔ ano, efisɛ ɔkyerɛw a wɔakyerɛw ɔhene din mu na wɔde ɔhene pɛtea nsɔwano no, wontumi nsan.


Na wɔde ɔbo bi bae bɛtoo amoa no ano, na ɔhene de ne pɛtea, ne n’aberɛmpɔn mpɛtea sɔɔ ano, na wɔansakra Daniel ho ade biara.


Na Samuel ka kyerɛɛ no sɛ: Osuan na AWURADE asuan Israel ahenni afi wo nsam nnɛ, na ɔde ama wo yɔnko a oye sen wo.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan