Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Ester 1:13 - KYERƐW KRONKRON

13 Na ɔhene no ka kyerɛɛ mpanyimfo a wonim mmara no, (efisɛ saa na ɔhene asɛm ba wɔn a wonim mmara ne asɛnni no anim,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

13 Na ɔhene no ka kyerɛɛ mpanimfoɔ a wɔnim mmara no, (ɛfiri sɛ saa na na ɔhene asɛm ba wɔn a wɔnim mmara ne asennie no anim,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Esiane sɛ na ɛyɛ amanne sɛ ɔhene bebisa nʼafotufo a wonim Persia mmara ne nʼamanne ne nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ nti, ɔne wɔn a wɔte mmere ase

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

13 Na ɔhene no ka kyerɛɛ mpanimfoɔ a wɔnim mmara no, (ɛfiri sɛ saa na na ɔhene asɛm ba wɔn a wɔnim mmara ne asennie no anim,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Ntɛm so, ɔbisaa nʼafotufoɔ a wɔnim Persia mmara ne nʼamanneɛ deɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ, ɛfiri sɛ, na ɔtaa bisa wɔn afotuo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Ester 1:13
11 Iomraidhean Croise  

Isakar mma mu nnipa a wɔyɛ mmere mu nhumufo a wobehu nea ɛsɛ sɛ Israel yɛ, wɔn atitiriw ahanu, na wɔn nuanom nyinaa tiee wɔn.


Sebulon mu nnipa ɔpeduonum a wonim akodi yiye a wɔde akode nyinaa amia ama ɔsakɔ sɛ wɔde koma a ɛnyɛ ntanta rebɛboa Dawid.


Nanso ɔhemmea Wasti amma sɛnea ɔhene somaa mpiafo ma wɔbɛhyɛɛ no no. Ɛnna ɔhene no bo hurui sɛ, na n’abufuw dɛwee ne mu.


Hena na ɔrensuro wo, amanaman hene, efisɛ wo na ɛfata wo. Na amanaman anyansafo nyinaa mu ne wɔn ahenni nyinaa mu, obiara nni hɔ a ɔte sɛ wo.


Ɛno nti ɔhene bo fuwii, na n’ani beree kɛse, na ɔkae sɛ wɔnsɛe Babel anyansafo nyinaa.


Ɛnna ɔhene kae sɛ wɔnkɔfrɛ akurukyerɛwfo ne pɛadeahufo ne ntafowayifo ne Kaldeafo mmra, na wɔmmɛkyerɛ ɔhene dae no ase. Na wɔbae begyinaa ɔhene anim.


Daniel buaa ɔhene sɛ: Ahintasɛm a ɔhene bisa no, anyansafo, pɛadeahufo, akurukyerɛwfo, nyankonnekyerɛfo rentumi nkyerɛ ɔhene;


Ɔhene no teɛɛm dennen sɛ wɔmfa pɛadeahufo, Kaldeafo ne nyankonnekyerɛfo mmra; ɔhene no ka kyerɛɛ Babel anyansafo no sɛ: Obiara a ɔbɛkan kyerɛw yi na wakyerɛ me ase no, wobefura no ɔtankɔkɔɔ, na wɔde sika kɔkɔɔ ntweaban agu ne kɔn mu, na wayɛ nea ɔto so abiɛsa adi ahenni yi mu tumi.


Na anɔpa muse: Ahum betu nnɛ, efisɛ ɔsoro abere, na ayɛ kusuu. Munim ɔsoro ani nsɛm mu kyerɛ, na mmere no ho nsɛnkyerɛnne de, muntumi nkyerɛ mu?


Na wɔwoo Yesu Betlehem a ɛwɔ Yudea, ɔhene Herode bere so no, hwɛ, anyansafo bi fi apuei baa Yerusalem


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan