Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Ester 1:12 - KYERƐW KRONKRON

12 Nanso ɔhemmea Wasti amma sɛnea ɔhene somaa mpiafo ma wɔbɛhyɛɛ no no. Ɛnna ɔhene no bo hurui sɛ, na n’abufuw dɛwee ne mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 Nanso Ɔhemmaa Wasti amma sɛdeɛ ɔhene somaa mpiafoɔ maa wɔbɛhyɛɛ no no. Ɛnna ɔhene no bo fuu pii, na n’abufuo dɛree wɔ ne mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Nanso wɔde ɔhene frɛtumi nkra kɔmaa ɔhemmea Wasti no, wamma. Eyi maa ɔhene ani bere yiye, maa abufuw hyɛɛ no ma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

12 Nanso Ɔhemmaa Wasti amma sɛdeɛ ɔhene somaa mpiafoɔ maa wɔbɛhyɛɛ no no. Ɛnna ɔhene no bo fuu pii, na n’abufuo dɛree wɔ ne mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Nanso, wɔde ɔhene ɔfrɛtumi nkra kɔmaa ɔhemmaa Wasti no, wamma. Yei maa ɔhene ani bereeɛ yie, maa abufuo hyɛɛ no ma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Ester 1:12
19 Iomraidhean Croise  

Ɔbea no de, ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɔdɔ na mɛma wo yaw ne wo nyinsɛn mu brɛ adɔɔso. Ɛyaw mu na wobɛwo mma, na w'ani begyina wo kunu, na ɔno na obedi wo so.


sɛ wɔnkɔfa ɔhemmea Wasti mmra ɔhene anim, ahenni abotiri no mu, na ɔmma aman no ne mmapɔmma no nhu n’ahoɔfɛ, efisɛ ne ho yɛ fɛ.


Na ɔhene no ka kyerɛɛ mpanyimfo a wonim mmara no, (efisɛ saa na ɔhene asɛm ba wɔn a wonim mmara ne asɛnni no anim,


Na ɔhene no sɔree n’abufuw no mu fii apontow no ase kɔɔ ahemfi turo no mu. Na Haman sɔre gyinae sɛ ɔrepa ɔhemmea Ester ne nkwa ho kyɛw, efisɛ wahu sɛ ɔhene no abɔ ne ho pɔbɔne.


Onyankopɔn, adɛn nti na woasum yɛn agu koraa, na w’abufuw rehyew w’adidibea nguan?


Enkosi da bɛn, AWURADE, na wo bo befuw daa yi, na wo ninkuntwe adɛw sɛ ogya?


Na Mose bɛn nsra no na ohuu nantwi ba ne asaw no ara pɛ, ne bo fuwii, na ɔtow apon a ɛwɔ ne nsam no gui ma ɛbobɔe bepɔw no ase.


Ɛnna Aaron se: Mma me wura bo mmfuw, wo ara wunim ɔman yi sɛ bɔne ara na wɔde asi wɔn anim.


Ɔhene abufuw te sɛ gyata mmobom, na n’anisɔ te sɛ wura so bosu.


Ɔhene ho hu te sɛ gyata mmobom, nea oyi no abufuw no yɛ ne kra bɔne.


Ɛno nti ɔhene bo fuwii, na n’ani beree kɛse, na ɔkae sɛ wɔnsɛe Babel anyansafo nyinaa.


Ɛnna Nebukadnesar de abufuw ne anibere kae sɛ wɔnkɔfa Sadrak, Mesak ne Abednego mmra. Ɛnna wɔde mmarima yi baa ɔhene anim.


Ɛnna abufuhyew hyɛɛ Nebukadnesar ma, na n’anim tebea sakra hyɛɛ Sadrak, Mesak ne Abednego; ɔkae sɛ wɔmma fononoo no mu nnɔ mpɛn ason nkyɛn nea ɛyɛɛ wɔn sɛ adɔ,


Hena na obegyina n’abohuru anim, na hena na ɔbɛsɔre ahyɛ n’abufuw no? N’anibere hwie sɛ ogya, na abotan bubu n’anim.


Ɔyerenom, mommrɛ mo ho ase mma mo ankasa mo kununom, sɛ moyɛ ma Awurade,


Na sɛnea asafo no brɛ ne ho ase ma Kristo no, saa ara nso na ɔyerenom nyɛ mma wɔn kununom, ade nyinaa mu.


AWURADE rempene mfa mfiri no, na ɛno de AWURADE abufuw ne ne ninkuntwe bepun onipa ko no, na nsew a wɔakyerɛw nhoma yi mu no nyinaa beduru no, na AWURADE bɛpopa ne din afi ɔsoro ase.


Saa ara na mo, ɔyerenom, mommrɛ mo ho ase mma mo ankasa mo kununom, na sɛ ebinom antie asɛm no nso a, wɔafa ɔyerenom abrabɔ a ɔkasa nni mu so anya wɔn,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan