Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Ester 1:11 - KYERƐW KRONKRON

11 sɛ wɔnkɔfa ɔhemmea Wasti mmra ɔhene anim, ahenni abotiri no mu, na ɔmma aman no ne mmapɔmma no nhu n’ahoɔfɛ, efisɛ ne ho yɛ fɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

11 sɛ wɔnkɔfa Ɔhemmaa Wasti mmra ɔhene anim, ahennie abotire no mu, na ɔmma aman no ne mmapɔmma no nhunu n’ahoɔfɛ, ɛfiri sɛ ne ho yɛ fɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 wɔmfa ɔhemmea Wasti a ɔhyɛ ahemmea kyɛw no mmrɛ no. Na ɔpɛ sɛ mmarima nyinaa hwɛ nʼahoɔfɛ, efisɛ na ɔyɛ ɔbea hoɔfɛfo pa ara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

11 sɛ wɔnkɔfa Ɔhemmaa Wasti mmra ɔhene anim, ahennie abotire no mu, na ɔmma aman no ne mmapɔmma no nhunu n’ahoɔfɛ, ɛfiri sɛ ne ho yɛ fɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 wɔmfa ɔhemmaa Wasti a ɔhyɛ ahemmaa kyɛ no mmrɛ no. Na ɔpɛ sɛ mmarima nyinaa hwɛ nʼahoɔfɛ, ɛfiri sɛ, na ɔyɛ ɔbaa hoɔfɛfoɔ pa ara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Ester 1:11
9 Iomraidhean Croise  

Nso Israel nyinaa mu obiara nni hɔ a wɔkamfo n’ahoɔfɛ sɛ Absalom. Efi ne nan ase kosi ne mpampam dɛm biara nni ne ho.


Nanso ɔhemmea Wasti amma sɛnea ɔhene somaa mpiafo ma wɔbɛhyɛɛ no no. Ɛnna ɔhene no bo hurui sɛ, na n’abufuw dɛwee ne mu.


Na ɔhene no dɔ Ester sen mmea no nyinaa, na onyaa anuonyam ne adom n’anim sen mmabaa no nyinaa, na ɔde ɔhemmeadi abotiri no hyɛɛ ne ti, na ɔma odii hemmaa Wasti ananmu.


ma wɔmfa ahenni atade a ɔhene hyɛ no mmra, ne ɔpɔnkɔ a ɔhene tena so a wɔde ahenni abotiri bɔ ne ti no,


Onipa koma na edwen ne kwan ho, na AWURADE na ɔtaataa n’anammɔn.


Osoowayɛ yɛ nnaadaa, na ahoɔfɛ yɛ ahuhude; nanso ɔbea a osuro AWURADE na wobeyi no ayɛ.


Na ɔbarima no din de Nabal, na ne yere din de Abigail. Na ɔbea no wɔ adwempa, na ne ho nso yɛ fɛ; na ɔbarima no de, ɔyɛ den, na ne nneyɛe nye; nso ɔyɛ Kalebni.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan