Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Efesofo 5:4 - KYERƐW KRONKRON

4 Na mommma wɔnte aniwude ne nkwaseasɛm anaa asereseresɛm a ɛnsɛ, na mmom aseda.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Na mommma wɔnte aniwudeɛ ne nkwaseasɛm anaa asereseresɛm a ɛnsɛ, na mmom aseda.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Saa ara nso na ɛmfata sɛ moka kasa fi, ahuhusɛm anaa sɛ muyi aseresɛm, mmom monna ase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

4 Na mommma wɔnte aniwudeɛ ne nkwaseasɛm anaa asereseresɛm a ɛnsɛ, na mmom aseda.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Saa ara nso na ɛmfata sɛ moka kasa efi, ahuhusɛm anaa sɛ moyi nsɛnkwaafi, mmom monna ase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Na mommma wɔnte aniwude ne nkwaseasɛm anaa asereseresɛm a ɛnsɛ, na mmom aseda.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Efesofo 5:4
29 Iomraidhean Croise  

Treneefo, momfa anigye nhuro AWURADE mu, ɛsɛ wɔn a wɔteɛ no sɛ woyi no ayɛ.


Eye sɛ wɔda AWURADE ase na wɔto dwom ma wo din, ɔsorosoroni,


Onipa nitewfo kora nimdeɛ so, na nkwasea koma pae agyimisɛm mu.


Anyansafo tɛkrɛma ma nimdeɛ yɛ dɛ, na nkwasea ano woro agyimisɛm.


sɛ onipa a ogyigye ne yɔnko, na ɔka se: Agoru na meredi, te ne no.


N’anom asɛm mfiase yɛ nkwaseasɛm, na ne kasa awiei yɛ adammɔ bɔne.


Na Daniel tee sɛ wɔakurukyerɛw kyerɛw no, ɔkɔɔ ne fi, nso n’abansoro dan mu mfɛnsere a ɛkyerɛ Yerusalem abuebue, na ɔkotow ne nankoroma anim da koro mprɛnsa, na ɔbɔ mpae da ase, ne Nyankopɔn anim sɛ ɔyɛ kan no ara.


ayerefasɛm, aniberesɛm, amumɔyɛ, nsisi, ahohwi, anibɔne, abususɛm, ahantan ne nkwaseasɛm.


Na akorow foforo fii Tiberia baa faako a Awurade daa ase na wodii abodoo no hɔ;


Na sɛnea wɔammu sɛ wobekura Onyankopɔn wɔn nimdeɛ mu nti, Onyankopɔn yii wɔn maa adwene a ɛmfra, sɛ wɔnyɛ nea ɛmfata:


Mo nso monkotɔ nsrɛ mma yɛn abia, na wɔde adom akyɛde a wɔnam nnipa pii nkotɔsrɛ so bɛkyɛ yɛn no, ama nnipa bebree nso ada ase ama yɛn.


Na aseda nka Onyankopɔn n’akyɛde a enni kabea no ho.


minnyae mo so aseda ne mo dinbɔ me mpaebɔ mu.


Mommma asɛm a ɛmfra biara mmfi mo anom, na mmom asɛm a eye na ɛma nkɔso a ehia, na wɔde adom wɔn a wɔte no.


Monnna nnnwen biribiara nnhaw mo ho, na mmom ade nyinaa mu momfa mpaebɔ ne nkotosrɛ, ɛne aseda mma mo adesrɛ nnu Nyankopɔn asom;


Na afei mo de, munyi abufuw, koko bɔne, bɔnepɛ, abususɛm ne aniwusɛm nyinaa mfi mo anom ngu.


Na aseda bɛn na yebetumi ada Onyankopɔn wɔ mo ho, anigye nyinaa a mo nti yɛn ani agye yɛn Nyankopɔn anim no ho?


Monna ase ade nyinaa mu, na eyi ne nea Onyankopɔn pɛ, Kristo Yesu mu wɔ mo ho.


Ɛno nti, ɛwom sɛ anka mewɔ akokoduru kɛse wɔ Kristo mu sɛ mehyɛ wo sɛ yɛ ade a ɛfata yi,


Enti momma yɛmfa no so mmɔ Onyankopɔn ayeyi afɔre daa, ɛne anofafa a ɛbɔ no abodin no.


Na wɔkeka ahupoosɛm a hwee nni mu, nam honam akɔnnɔ mu de ahohwisɛm daadaa wɔn a woguan fii wɔn a wɔbɔ nnaadaa mu bra no mu nkyɛe.


na oyii Lot a ɔteɛ a amumɔyɛfo no de wɔn ahohwi abrabɔ haw no;


Na eyinom de, wɔka nea wonnim no ho nsɛmmɔne, na nea wofi wɔn nnipa su mu nim sɛ mmoa a wonni adwene no, ɛno mu na wogu wɔn ho fi.


po asorɔkye a ehuru a epuw wɔn ankasa aniwu gu, nsoromma a ekyinkyin a wɔde sum kabikabi asie ama wɔn daa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan