Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Efesofo 5:2 - KYERƐW KRONKRON

2 na monnantew ɔdɔ mu, sɛnea Kristo nso dɔɔ mo na ɔde ne ho mae maa yɛn sɛ ayɛyɛde ne afɔrebɔde a wɔbɔ ma Onyankopɔn a eyi hua a ɛyɛ dɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 na monnante ɔdɔ mu, sɛdeɛ Kristo nso dɔɔ mo na ɔde ne ho maeɛ maa yɛn sɛ ayɛyɛdeɛ ne afɔrebɔdeɛ a wɔbɔ ma Onyankopɔn a ɛtu hwa a ɛyɛ dɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 na motena ase ɔdɔ mu sɛnea Kristo dɔɔ yɛn, na ɔde ne nkwa too hɔ maa yɛn sɛ afɔrebɔde a ɛyɛ huam ma Onyankopɔn no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 na monnante ɔdɔ mu, sɛdeɛ Kristo nso dɔɔ mo na ɔde ne ho maeɛ maa yɛn sɛ ayɛyɛdeɛ ne afɔrebɔdeɛ a wɔbɔ ma Onyankopɔn a ɛtu hwa a ɛyɛ dɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 na motena ase ɔdɔ mu sɛdeɛ Kristo dɔɔ yɛn, na ɔde ne nkwa too hɔ maa yɛn sɛ afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ hwam ma Onyankopɔn no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 na monnantew ɔdɔ mu, sɛnea Kristo nso dɔɔ mo na ɔde ne ho mae maa yɛn sɛ ayɛyɛde ne afɔrebɔde a wɔbɔ ma Onyankopɔn a eyi hua a ɛyɛ dɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Efesofo 5:2
54 Iomraidhean Croise  

Na AWURADE tee afɔre no huam, na ɔkae ne komam sɛ: Onipa nti meremmɔ asase dua bio, efisɛ onipa komam adwene yɛ bɔne fi ne mmofraase, na merensɛe nea ɛte ase nyinaa bio, sɛnea mayɛ yi.


Na hyew odwennini mu no nyinaa afɔremuka no so. Ɛyɛ AWURADE hyew afɔre, ade a eyi hua huamhuam, ɛyɛ AWURADE ogya afɔre.


Na gye wɔn nsam, na ka ano gya afɔremuka no so ɔhyew afɔre no so, na enyi hua huamhuam, AWURADE anim. Ɛyɛ AWURADE ogya afɔre.


Na ayamde ne nnyawa no, ɔmfa nsu nhohoro ho; na ɔsɔfo no mfa ne nyinaa mmra mmɛhyew afɔremuka no so; ɛyɛ ɔhyew afɔre, ogya afɔre a eyi hua huamhuam ma AWURADE.


Na onsuan ne mu, ne ntaban ho, nanso ɔnntew mu, na ɔsɔfo no nhyew wɔ afɔremuka no so, wɔ ogya no so, ɛyɛ ɔhyew afɔre, ogya afɔre a eyi hua huamhuam ma AWURADE.


Na ɔnhohoro n'ayamde ne ne nnyawa ho wɔ nsu mu; na ɔsɔfo no nhyew ne nyinaa afɔremuka no so, na ɛnyɛ ɔhyew afɔre, ogya afɔre a eyi hua huamhuam ma AWURADE.


Na ɔsɔfo no nhyew wɔ afɔremuka no so, ɛyɛ ogya afɔreduan a eyi hua huamhuam; srade no nyinaa yɛ AWURADE dea.


Metan na mepo mo nnapɔnna, na m’ani nnye mo afahyɛ nhyiam ho.


nantwinini biako, odwennini biako, oguanten ba biako a wadi afe a wɔde rekɔbɔ ɔhyew afɔre;


sɛnea Onipa Ba no amma sɛ wɔnsom no, na mmom ɔbɛsomee, na ɔde ne nkwa bɛyɛɛ agyede maa nnipa pii ne no.


Ahyɛde foforo na mema mo, sɛ monnodɔ mo ho, sɛnea medɔɔ mo no, sɛ mo nso monnodɔ mo ho mo ho!


Mene abodoo a nkwa wɔ mu a misian mifii soro mebae no; sɛ obi di abodoo yi bi a, ɔbɛtena ase daa. Na abodoo a mede bɛma wiase no ne me honam.


sɛ menyɛ Yesu Kristo somfo amanaman no mu, menkɔyɛ Onyankopɔn asɛmpa no ho asɔfodwuma, na amanaman mufo nyɛ afɔre a ɛyɛ dɛ a wɔatew ho Honhom Kronkron mu.


ɔno na yɛn mfomso nti woyii no mae, na yɛn bembu nti wonyan no.


Na nea mmara no antumi anyɛ, ɛnam sɛ honam maa no yɛɛ mmerɛw nti, Onyankopɔn somaa n’ankasa ne Ba, bɔne honam suban mu, ɛne bɔne nti, na ɔde buu bɔne no fɔ ɔhonam no mu,


Nanso eyinom nyinaa mu na yɛnam nea ɔdɔɔ yɛn no so di nkonim boro so.


Monyɛ mo ade nyinaa ɔdɔ mu.


Enti munyi mmɔkaw dedaw no, na moayɛ mmɔre foforo, sɛnea moyɛ apiti no. Efisɛ wɔakum yɛn twam guan Kristo no nso.


Na aseda nka Onyankopɔn a ɔma yedi Kristo mu nkonim daa, na ɔnam yɛn so yi ne nimdeɛ hua adi mmaa nyinaa;


efisɛ yɛyɛ Kristo aduhuam ma Onyankopɔn, wɔn a woregye wɔn nkwa ne wɔn a wɔreyera nyinaa.


Na munim yɛn Awurade Yesu Kristo adom no, sɛ ɔyɛ ɔdefo de, nanso, mo nti ɔbɛyɛɛ ohiani, sɛ monam ne hia no so abɛyɛ adefo.


Ɔno na yɛn bɔne nti ɔde ne ho mae, na wayi yɛn afi wiase bɔne yi mu, sɛnea yɛn Agya Onyankopɔn pɛ no te.


na m’ase a mete yi de, ɛnyɛ me bio, na Kristo na ɔte ase wɔ me mu; na m’ase a mete ɔhonam mu yi, mete no Onyankopɔn Ba a ɔdɔ me na ɔde ne ho ama me no ho gyidi mu.


sɛnea oyii yɛn wɔ ɔdɔ mu Kristo mu ansa na wɔhyɛ wiase ase, sɛ yɛnyɛ ahotefo ne nnipa a wɔn ho nni asɛm n’anim.


na ɔmma Kristo mfa gyidi so ntena mo komam, na moagye ɔdɔ mu ntini atim mu,


na moahu Kristo dɔ a ɛtra nhumu no, na Onyankopɔn mayɛ nyinaa ayɛ mo ma awie.


na mmom momma yenni nokware mfa ɔdɔ mu nnyin nneɛma nyinaa mu, Kristo a ɔne eti no mu.


ahobrɛase adwene ne odwo nyinaa mu, abodwokyɛre mu, munkurakura mo ho mu ɔdɔ mu,


Enti monhwɛ mo nantew yiye, ɛnyɛ sɛ wɔn a wonnim nyansa, na mmom sɛ anyansafo.


Okununom, monnɔ mo yerenom, sɛnea Kristo nso dɔ asafo no na ɔde ne ho mae maa no,


abo amuamu na fa si AWURADE wo Nyankopɔn afɔremuka, na bɔ so hyew afɔre ma AWURADE wo Nyankopɔn;


Na manya ade nyinaa ama aboro so. Na efii sɛ me nsa kaa nea mode menaa Epafrodito no, mayɛ ma, ɛyɛ ohua a ɛyɛ dɛ, ɛyɛ afɔrebɔ a wogye a ɛsɔ Onyankopɔn ani.


Na eyinom nyinaa so na monhyɛ ɔdɔ a ɛne pɛyɛ hama no ngu.


Na onuadɔ ho de, enhia mo sɛ wɔkyerɛw brɛ mo, efisɛ mo ankasa na Onyankopɔn akyerɛkyerɛ mo sɛ monnodɔ mo ho;


a ɔde ne ho mae sɛ nnwensa maa nnipa nyinaa, — sɛ ɛnyɛ adanse ɛbere a wɔahyɛ mu.


Mma obi mmmu wo aberante a woyɛ no abomfiaa, na mmom yɛ gyidifo nhwɛso ɔkasa mu, abrabɔ mu, ɔdɔ mu, gyidi mu, ahotew mu.


Ɔno na ɔde ne ho mae maa yɛn, na wagye yɛn afi mmarato nyinaa mu, na wadwira ɔman bi ho ayɛ n’ankasa de a wɔbɔ nnwuma pa ho mmɔden.


Na ɔsɔfo panyin biara wɔhyɛ no sɛ ɔmfa ayɛyɛde ne afɔre mma, enti ɛsɛ sɛ oyi nso nya biribi a ɔde bɛma.


mpɛn ahe ara na Kristo a ɔnam daa honhom so de ne ho bɔɔ afɔre, a ɛho nni dɛm maa Onyankopɔn no mogya rentew mo ahonim ho mfi nnwuma funu mu nkɔsom Onyankopɔn a ɔte ase?


Ɛnne na etwa sɛ wɔde eyinom tew ɔsoro nneɛma nhwɛso no ho. Na ɔsoro nneɛma no ankasa de, wɔde afɔre a eye kyɛn eyinom na ɛtew ho.


ɛnne anka ɛsɛ no sɛ ɔtaa hu amane fi wiase fapem, na afei a wiase mmere rewie du yi, wayi ne ho adi prɛko sɛ ɔnam afɔre a ɔde ne ho bɔe so beyi bɔne.


Na ne titiriw no, momfa ɔdɔ a emu yɛ den nnodɔ mo ho, efisɛ ɔdɔ kata bɔne pii so.


Eyi mu na yɛahu ɔdɔ no, sɛ ɔno de ne nkwa too hɔ maa yɛn. Na ɛsɛ yɛn nso sɛ yɛde yɛn kra to hɔ ma anuanom.


Na eyi ne n’ahyɛde, sɛ yennye ne Ba Yesu Kristo din no nni, na yɛnnodɔ yɛn ho, sɛnea ɔmaa yɛn ahyɛde no.


ne Yesu Kristo a ɔyɛ ɔdansefo nokwafo ne awufo mu abakan ne asase so ahene sodifo no nkyɛn nka mo. Nea ɔdɔ yɛn, na ɔde ne mogya aguare yɛn afi yɛn bɔne mu,


Na wɔtoo dwom foforo sɛ: Wofata sɛ wugye nhoma no na wubue ne nsɔano no, efisɛ wɔakum wo, na wode wo mogya atɔ yɛn ama Onyankopɔn, afi mmusua ne ɔkasa ne nkurɔfo ne aman nyinaa mu,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan