Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Efesofo 4:6 - KYERƐW KRONKRON

6 yɛn nyinaa Nyankopɔn ne Agya biako a odi yɛn nyinaa so na ɔfa yɛn nyinaa mu na ɔte yɛn nyinaa mu no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

6 yɛn nyinaa Nyankopɔn ne Agya baako a ɔdi yɛn nyinaa soɔ, na ɔfa yɛn nyinaa mu, na ɔte yɛn nyinaa mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Yɛwɔ Onyankopɔn a ɔyɛ yɛn nyinaa Agya a odi yɛn nyinaa so. Ɔnam yɛn nyinaa mu, na ɔte yɛn nyinaa mu nso.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

6 yɛn nyinaa Nyankopɔn ne Agya baako a ɔdi yɛn nyinaa soɔ, na ɔfa yɛn nyinaa mu, na ɔte yɛn nyinaa mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Yɛwɔ Onyankopɔn a ɔyɛ yɛn nyinaa Agya a ɔdi yɛn nyinaa so. Ɔnam yɛn nyinaa mu, na ɔte yɛn nyinaa mu nso.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

6 yɛn nyinaa Nyankopɔn ne Agya biako a odi yɛn nyinaa so na ɔfa yɛn nyinaa mu na ɔte yɛn nyinaa mu no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Efesofo 4:6
31 Iomraidhean Croise  

Na ohyiraa no sɛ ɔsorosoro Nyankopɔn a ɔyɛ ɔsoro ne asase wura no nhyira nka Abram,


Na AWURADE yɛ Onyankopɔn kɛse ne ɔhenkɛse, anyame nyinaa so.


Na wo ara wone yɛn agya; na Abraham nnim yɛn, na Israel nhu yɛn: Wo, AWURADE ara ne yɛn agya, yɛn gyefo ne wo din fi tete bemee.


So yɛn agya nyɛ baako? So ɛnyɛ Onyankopɔn koro na ɔbɔɔ yɛn? Efi dɛn so na onua twa onua nkontompo sɛ yɛde behura yɛn agyanom apam ho?


Na wɔde wɔn anim butubutuw fam kae sɛ: Onyankopɔn a woyɛ honam nyinaa ahonhom Nyankopɔn! So ɔbarima biako bɛyɛ bɔne na wo bo ahuru asafo mu no nyinaa?


Na mfa yɛn nkɔ sɔhwɛ mu, na yi yɛn fi bɔne mu. [Na wo na ahenni ne ahoɔden ne animuonyam yɛ wo dea daa, Amen.]


Enti mommɔ mpae sɛ: Yɛn Agya a wowɔ soro, wo din ho ntew,


Yesu bua see no sɛ: Sɛ obi dɔ me a, obedi m’asɛm so, na m’Agya bɛdɔ no, na yɛbɛba ne nkyɛn, na yɛabɛyɛ yɛn tenabea ne nkyɛn.


na mayi wo din makyerɛ wɔn, na meyi makyerɛ; na ɔdɔ a wode dɔ me no atena wɔn mu, na matena wɔn mu.


Yesu see no sɛ: Nka me, na minnya menkɔɔ ɔsoro m’Agya nkyɛn ɛ. Na kɔ me nuanom nkyɛn kɔka kyerɛ wɔn sɛ: Merebɛkɔ ɔsoro, m’Agya ne mo Agya ne me Nyankopɔn ne mo Nyankopɔn nkyɛn.


Efisɛ ade nyinaa fi ne mu, na ɛnam no so ba, na ewie ne mu; ɔno na anuonyam wɔ no daa daa. Amen.


Na dwumadi nso gu ahorow, nanso Onyankopɔn koro no ara na odi dwuma no nyinaa wɔn nyinaa mu.


yɛn de, Onyankopɔn biako pɛ na yɛwɔ, Agya no a nneɛma nyinaa fi no mu, na yɛn nso yɛwɔ hɔ ma no, ne Awurade biako, Yesu Kristo a wɔnam no so yɛ nneɛma nyinaa, na yɛn nso yɛnam no so wɔ hɔ no.


Na biakoyɛ bɛn na Onyankopɔn asɔrefi ne abosom wɔ? Na yɛyɛ Onyankopɔn a ɔte ase no asɔrefi, sɛnea Onyankopɔn aka sɛ: Mɛtena wɔn mu, na manantew wɔn mu, na mayɛ wɔn Onyankopɔn, na wɔayɛ me ɔman.


panyinni ne tumidi ne ahoɔden ne wurayɛ nyinaa so, ɛne din a wɔde to, ɛnyɛ wiase ha nko, na mmom wiase a ɛreba no nso mu.


ne mu na wɔde mo nso resi akɔyɛ Onyankopɔn tenabea, honhom mu.


na ɔmma Kristo mfa gyidi so ntena mo komam, na moagye ɔdɔ mu ntini atim mu,


Asomdwoe ne ɔdɔ ne gyidi nso a efi Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka anuanom.


Israel, tie, AWURADE yɛn Nyankopɔn ne AWURADE koro.


Na nea odi n’ahyɛde so no te ne mu, na ɔno nso te ne mu. Na nea yɛde hu sɛ ɔte yɛn mu ne honhom a ɔde ama yɛn no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan