Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Efesofo 4:5 - KYERƐW KRONKRON

5 Awurade biako, gyidi biako, asubɔ biako,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Awurade baako, gyidie baako, asubɔ baako,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Awurade baako, gyidi baako ne asubɔ baako mu no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

5 Awurade baako, gyidie baako, asubɔ baako,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Awurade baako, gyidie baako ne asubɔ baako mu no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Awurade biako, gyidi biako, asubɔ biako,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Efesofo 4:5
28 Iomraidhean Croise  

Na AWURADE bedi asase no nyinaa so hene; ɛda no, AWURADE bɛyɛ biako, na ne din ayɛ biako.


Enti monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafo, na mommɔ wɔn asu nhyɛ Agya ne Ɔba ne Honhom Kronkron din mu,


Sɛnea asɛm a ɔde brɛɛ Israel mma bere a ɔnam Yesu Kristo so kaa asomdwoe ho asɛmpa no te no; ɔne nnipa nyinaa wura.


Enti ma Israel fi nyinaa nhu ampa sɛ Onyankopɔn de Yesu yi ara a mosɛn no no ayɛ Awurade ne Kristo.


Sɛ ɛte saa de a, na ɛyɛ Onyankopɔn koro a ofi gyidi mu bu twetiafo bem no ara na ɔnam gyidi so bu momonoto bem.


Wɔapaepae Kristo mu anaa? Paulo na wɔbɔɔ no asɛnnua mu maa mo, anaasɛ wɔbɔɔ mo asu hyɛɛ Paulo din mu?


de kɔma Onyankopɔn asafo a ɛwɔ Korinto, wɔn a wɔatew wɔn ho Kristo Yesu mu afrɛ wɔn sɛ wɔmmɛyɛ ahotefo, ne wɔn a wɔbɔ yɛne wɔn nyinaa Wura Yesu Kristo din wɔ mmaa nyinaa no:


Na yɛn nyinaa nso, Yudafo oo, Helafo oo, nkoa oo, adehye oo, wɔbɔɔ yɛn asu Honhom koro no mu ma yɛbɛyɛɛ nipadua biako, na wɔmaa yɛn nyinaa nom honhom biako.


Na ɔsom nnwuma gu ahorow, nanso ɛyɛ Awurade koro no ara.


yɛn de, Onyankopɔn biako pɛ na yɛwɔ, Agya no a nneɛma nyinaa fi no mu, na yɛn nso yɛwɔ hɔ ma no, ne Awurade biako, Yesu Kristo a wɔnam no so yɛ nneɛma nyinaa, na yɛn nso yɛnam no so wɔ hɔ no.


Na sɛ obi ba bɛka Yesu foforo bi ho asɛm a yɛnkae, anaasɛ munya honhom foforo a munnyae, anaasɛ asɛmpa foforo a munnyei a, mugye tom ntɛm!


Efisɛ Kristo Yesu mu de, twetiatwa anaa momonotoyɛ nyɛ hwee, na mmom gyidi a ɛnam ɔdɔ so yɛ adwuma.


akodu sɛ yɛn nyinaa bedu Nyankopɔn Ba no ho gyidi ne ne nhumu biakoyɛ mu, ayɛ onipa a wawie nyin a yɛadu Kristo mayɛ susude no tebea so,


Na tɛkrɛma nyinaa mpaemu nka sɛ Yesu Kristo ne Awurade nhyɛ Agya Onyankopɔn anuonyam.


Nanso ampa ara meda so mibu nneɛma nyinaa adehwere, m’Awurade Kristo Yesu ho nimdeɛ a ɛboro so no nti. Ne nti na mebuu nneɛma nyinaa adehwerede, na mibu no sɛ sumina so ade, na Kristo ayɛ me mfaso,


Paulo, Onyankopɔn akoa, ne Yesu Kristo somafo, ma wɔn a Onyankopɔn ayi wɔn no gyidi ne onyamesom pa ho nokware no nimdeɛ,


de kɔma Tito, me ba pa gyidi koro no ara fam: Adom ne asomdwoe a efi Agya Onyankopɔn ne Awurade Kristo Yesu, yɛn Agyenkwa no, nka wo.


Monkae mo mpanyimfo a wɔaka Onyankopɔn asɛm akyerɛ mo. Monhwɛ wɔn abrabɔ awiei nsua wɔn gyidi.


na wɔafi ho ahwe ase no, wɔbɛdan wɔn foforo akɔ adwensakra mu, wɔn a wɔsɛn Onyankopɔn Ba no bio ma wɔn ho na wɔde no kɔ animguase mu.


Na ebia obi bɛka se: Wowɔ gyidi, na me nso mewɔ nnwuma. Kyerɛ me wo gyidi a nnwuma nni mu no, na me nso mede me nnwuma mɛkyerɛ wo me gyidi.


Ɛno na afei ne nsɛso a ɛno ne asubɔ no, gye mo nso nkwa, a ɛnyɛ ɔhonam ho fi yi mu, na mmom ɛyɛ ahonim pa ho adebisa a Yesu Kristo wusɔre nti yɛnam so yɛ Onyankopɔn de.


Simon Petro, Yesu Kristo akoa ne somafo, de kɔma wɔn a wɔanya gyidi a ne bo yɛ den sɛ yɛn de no, yɛn Nyankopɔn ne Agyenkwa Yesu Kristo trenee mu:


Na mo, adɔfo de, momfa mo ho nsi mo gyidi kronkron no so mmɔ mpae Honhom Kronkron tumi mu


Adɔfo, esiane sɛ merebɔ mmɔden nyinaa makyerɛw nkwagye a ɛyɛ yɛn nyinaa de no ho asɛm mabrɛ mo nti, ahia me sɛ mekyerɛw mebrɛ mo, na mede matu mo fo sɛ mompere gyidi a wɔde ama ahotefo prɛko no ho.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan