Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Efesofo 4:4 - KYERƐW KRONKRON

4 Efisɛ nipadua biako ne honhom biako na ɛwɔ hɔ, sɛnea wɔafrɛ mo nso, mo frɛ anidaso biako mu:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Ɛfiri sɛ nipadua baako ne honhom baako na ɛwɔ hɔ, sɛdeɛ wɔafrɛ mo nso mo frɛ anidasoɔ baako mu no:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Nipadua baako ne Honhom baako na ɛwɔ hɔ, sɛnea wɔfrɛɛ mo kɔɔ anidaso baako,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

4 Ɛfiri sɛ nipadua baako ne honhom baako na ɛwɔ hɔ, sɛdeɛ wɔafrɛ mo nso mo frɛ anidasoɔ baako mu no:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Nipadua baako ne Honhom baako na ɛwɔ hɔ, sɛdeɛ wɔfrɛɛ mo kɔɔ anidasoɔ baako,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Efisɛ nipadua biako ne honhom biako na ɛwɔ hɔ, sɛnea wɔafrɛ mo nso, mo frɛ anidaso biako mu:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Efesofo 4:4
28 Iomraidhean Croise  

Me nuanom ne me mfɛfo nti mɛka sɛ: Asomdwoe ntena wo mu.


Wo a Israel hwɛ wo kwan, wo a wugye wɔn ohia bere mu, ɛdɛn nti na woyɛ sɛ asase yi so hɔho, sɛ ɔkwantenni a ɔsoɛ anadwo?


Nhyira ne onii ko a ɔde ne ho to AWURADE so, na AWURADE yɛ n’anidaso!


Enti monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafo, na mommɔ wɔn asu nhyɛ Agya ne Ɔba ne Honhom Kronkron din mu,


Na Awurade Yesu dom so mmom na yegye di sɛ wɔnam begye yɛn nkwa, sɛ wɔn nso.


efisɛ Onyankopɔn ma obi adom akyɛde na ɔfrɛ no a ɔnntwe nsan.


Ɛnam sɛ abodoo no yɛ biako nti yɛn a yɛyɛ bebree no yɛ nipadua koro; na yɛn nyinaa di abodoo biako no bi.


Na afei akwaa no dɔɔso de, nanso nipadua no yɛ biako.


Na sɛ obi ba bɛka Yesu foforo bi ho asɛm a yɛnkae, anaasɛ munya honhom foforo a munnyae, anaasɛ asɛmpa foforo a munnyei a, mugye tom ntɛm!


na moate ase, na moahu ne frɛ anidaso no ne n’apɛgyade anuonyam ahonya wɔ ahotefo no mu.


na wafa asɛnnua no so apata aka abien no abɔ Onyankopɔn ho, nipadua biako mu, efisɛ ɔde asɛnnua no akum nitan no.


efisɛ ɔno so na yɛn baanu nyinaa nam honhom biako mu anya ɔkwan kɔ Agya no nkyɛn.


ne mu na wɔde mo nso resi akɔyɛ Onyankopɔn tenabea, honhom mu.


Enti afei me, Awurade deduani, mitu mo fo sɛ, monnantew sɛnea ɛfata ɔfrɛ a wɔde afrɛ mo,


Efisɛ yɛyɛ ne nipadua ho akwaa.


esiane anidaso a ɛda hɔ ma mo wɔ ɔsoro, ɛno na monam asɛmpa nokwasɛm so dii kan tee.


Na momma Kristo asomdwoe nni panyin mo koma mu, ɛno mu nso na wɔafrɛ mo aba, nipadua biako mu; na monnyɛ boniayɛfo.


Na ɔno, yɛn Awurade Yesu Kristo ne yɛn Agya Onyankopɔn a ɔdɔ yɛn na wama yɛn daa awerɛkyekye ne anidaso pa adom mu no,


Paulo, Kristo Yesu somafo, sɛnea yɛn Agyenkwa Onyankopɔn ne Awurade Kristo Yesu a ɔne yɛn anidaso no hyɛe no,


daa nkwa anidaso so, nkwa a Onyankopɔn a onni atoro no de fi teteete hyɛɛ bɔ,


ntwɛn Onyankopɔn kɛse ne yɛn Agyenkwa Kristo Yesu ahotɔ anidaso ne n’anuonyam ahoyi.


na wɔnam n'adom so abu yɛn bem ama yɛayɛ daa nkwa no anidaso ho adedifo.


a monam no so gye Onyankopɔn a onyan no fii awufo mu na ɔhyɛɛ no anuonyam no di no, na mo gyidi ne anidaso atena Onyankopɔn mu.


Na obiara a ɔwɔ ne ho anidaso yi no, ɔtew ne ho sɛnea ɔno ho tew.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan