Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Efesofo 4:2 - KYERƐW KRONKRON

2 ahobrɛase adwene ne odwo nyinaa mu, abodwokyɛre mu, munkurakura mo ho mu ɔdɔ mu,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 ahobrɛaseɛ adwene ne ɔdwoɔ nyinaa mu, abodwokyɛre mu, monkurakura mo ho mu wɔ ɔdɔ mu,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Mommrɛ mo ho ase koraa na munnwo; montɔ mo bo ase, na mo ne obiara ntena wɔ ɔdɔ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 ahobrɛaseɛ adwene ne ɔdwoɔ nyinaa mu, abodwokyɛre mu, monkurakura mo ho mu wɔ ɔdɔ mu,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Mommrɛ mo ho ase koraa na monnwo; monto mo bo ase, na mone obiara ntena wɔ ɔdɔ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 ahobrɛase adwene ne odwo nyinaa mu, abodwokyɛre mu, munkurakura mo ho mu ɔdɔ mu,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Efesofo 4:2
28 Iomraidhean Croise  

Na AWURADE wɔ ɔsorosoro, na ɔhwɛ ahobrɛasefo, na ahantanfo de, ohu wɔn wɔ akyirikyiri.


Na fa w’ahensɛm no tew mu kɔ w’anim ma nokware ne trenee a wɔabrɛ no ase, na wo nifa nkyerɛkyerɛ w’ade a ɛyɛ hu.


Eye sɛ wo ne abrɛfo nya ahobrɛase honhom sen sɛ wo ne ahokyerɛfo bɛkyɛ asade.


Yiw odi afɛwdifo ho fɛw, na ɔdom ahobrɛasefo.


Asɛm awiei ye sen ne mfiase; boasetɔ honhom ye sen ahomaso honhom.


Na sɛ nea ɔkorɔn na wɔama no so, nea ɔte hɔ daa na ne din yɛ kronkron no se ni: Mete soro ne nea ɛhɔ yɛ kronkron, ne nea wabubu na ne honhom brɛ ase no nkyɛn nso, sɛ mɛma ahobrɛasefo honhom anya nkwa, na mama wɔn a wɔabubu wɔn no koma anya nkwa.


Monhwehwɛ Awurade, asase sofo a mobrɛ mo ho ase na moyɛ n’atemmude nyinaa! Monhwehwɛ trenee, monhwehwɛ ahobrɛase; ebia wɔbɛkora mo so, Awurade abufuw da no.


Di ahurusi pii, Sion babea! Huro, Yerusalem babea. Hwɛ, wo hene reba wo nkyɛn, ɔteɛ na ɔwɔ nkwagye; odwo, na ɔte afurum so, afurumforo a ɔyɛ afurummere ba so.


Na ɔbarima Mose de, odwo pii sen nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa.


Momfa me kɔnnua nto mo ho so, na munsua me, sɛ midwo na mebrɛ me ho ase koma mu; na mubenya ɔhome ama mo kra.


Na obuaa wɔn sɛ: O nnɛ mma a munni gyidi! Mentena mo nkyɛn nkodu da bɛn? Mentɔ me bo ase mo ho nkosi da bɛn? Momfa no mmrɛ me!


na mede ahobrɛase adwene nyinaa ne nusu pii ne sɔhwɛ a ɛbaa me so Yudafo pɔw bɔne a wɔbɔɔ me ho mu mesom Awurade.


Na yɛn a yɛyɛ den no, ɛsɛ sɛ yɛsoa wɔn a wɔnyɛ den no mmerɛwyɛ na yɛnsɔ yɛn ankasa ani.


Etie ade nyinaa, egye ade nyinaa di, enya ade nyinaa mu anidaso, ɛtɔ ne bo ase ade nyinaa mu.


Monsoa mo ho mo ho nnosoa abia na saa na mode bɛhyɛ Kristo mmara no ma.


sɛnea oyii yɛn wɔ ɔdɔ mu Kristo mu ansa na wɔhyɛ wiase ase, sɛ yɛnyɛ ahotefo ne nnipa a wɔn ho nni asɛm n’anim.


na ama wɔde tumi nyinaa ahyɛ mo den, sɛnea n’anuonyam tumidi te no, akɔ boasetɔ ne abodwokyɛre nyinaa mu, wɔ anigye mu


Na wo, Onyankopɔn nipa, de, guan eyinom, na di trenee, onyamesom pa, gyidi, ɔdɔ, boasetɔ, odwo akyi.


na ɔde odwo kasa kyerɛ wɔn a wɔne no di asi wɔ nsɛm mu, sɛ ebia Onyankopɔn bɛma wɔn adwensakra akɔ nokware no hu mu,


Enti munyi efi ne bɔne mmoroso nyinaa ntow nkyene, na momfa odwo nnye asɛm a wɔatɛw no mo mu a ebetumi agye mo kra no.


Na mummu Awurade Kristo kronkron mo koma mu. Nso munsiesie mo ho daa, sɛ mobɛkyerɛ obiara a obisa mo anidaso a ɛwɔ mo mu no ase,


Na awiei ne sɛ mo nyinaa nnya adwenkoro, munhuhu mmoma mo ho, monnodɔ mo ho sɛ anuanom, mo yam nhyehye mo mmoma mo ho, munnwen ahobrɛase adwene.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan