Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Efesofo 4:12 - KYERƐW KRONKRON

12 na wɔasesɛw ahotefo no yiye ama ɔsom adwuma no, na Kristo nipadua no si akɔ so,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 na wɔatoto ahotefoɔ yie ama ɔsom adwuma no, ama Kristo nipadua no sie akɔ so,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Ɔyɛɛ eyi de siesiee Onyankopɔn nkurɔfo nyinaa maa ɔsom nnwuma, sɛnea Kristo nipadua no nyin bɛkɔ so

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

12 na wɔatoto ahotefoɔ yie ama ɔsom adwuma no, ama Kristo nipadua no sie akɔ so,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Ɔyɛɛ yei de siesiee Onyankopɔn nkurɔfoɔ nyinaa maa ɔsom nnwuma, sɛdeɛ Kristo onipadua no nyini bɛkɔso

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 na wɔasesɛw ahotefo no yiye ama ɔsom adwuma no, na Kristo nipadua no si akɔ so,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Efesofo 4:12
45 Iomraidhean Croise  

Nanso masrɛ mama wo, na woampa wo gyidi. Na wo de, sɛ daakye wosan gyina a, hyɛ wo nuanom den!


Na wɔkan no fraa yɛn, na onyaa ɔsom yi kyɛfa bi somee.


sɛ ɔmfa ɔsom yi ne asomafodwuma a Yuda fii mu teree ho sɛ ɔrekɔ ɔno ankasa tenabea no kyɛfa no nsom!


Na ɔbae na obehuu Onyankopɔn adom no, n’ani gyei, na otuu wɔn nyinaa fo sɛ wonsi wɔn adwene pi mmata Awurade ho.


Na memfa eyi menyɛ biribi, nanso mimmu me kra aboɔden memma me ho, na mede anigye mawie me nantew ne ɔsom a minyae Awurade Yesu nkyɛn sɛ minni Nyankopɔn dom asɛmpa no ho adanse no.


Enti monhwɛ mo ho ne nguankuw nyinaa a Honhom Kronkron de mo asisi wɔn so ahwɛfo sɛ monyɛn Onyankopɔn asafo a ɔde n’ankasa mogya anya wɔn no yiye.


Ɛnna asafo no nyaa asomdwoe Yudea, Galilea ne Samaria nyinaa, na wonyin kɔɔ so; na wɔnam Awurade suro ne Honhom Kronkron awerɛkyekye mu dɔe.


saa ara nso na yɛn a yɛyɛ bebree no yɛ nipadua koro, Kristo mu, na yɛn nyinaa yeyɛ yɛn ho akwaa mmiako mmiako.


Sɛ ɛyɛ ɔsom a, ma ɔntena ɔsom no mu nsom. Sɛ ɔkyerɛkyerɛfo a, ma ɔntena kyerɛkyerɛ no mu nkyerɛkyerɛ.


Enti afei momma yenni nea ɛma asomdwoe ne nea ɛbɛma yɛn nkɔso akyi.


Me nuanom, migye to mu wɔ mo ho sɛ mo nso, papayɛ ahyɛ mo ma, na nimdeɛ nyinaa ayɛ mo ma tɔ, na mutumi tutu mo ho fo nso;


Momma yɛn mu biara nsɔ ne yɔnko ani mma nea eye, na n’ase atim.


Na minim sɛ meba mo nkyɛn a, mɛba no Kristo asɛmpa nhyira mayɛ mu.


Na mo nso moyɛ Kristo nipadua ne akwaa mmiako mmiako.


Nanso wɔma Honhom no yi ne ho adi wɔn mu biara mu, na ayɛ yiye.


Na mo nso sɛ mobɔ honhom fam nneɛma ho mmɔden yi, monhwehwɛ sɛ asafo no nkɔso nti mobɛboro so.


Na sɛ mebɔ mpae ɔkasa bi mu a, me honhom na ɛbɔ mpae, na m’adwene de, ɛnte ase.


Na afei adɛn, anuanom? Sɛ muhyiam a, mo mu bi wɔ dwom, obi wɔ nkyerɛkyerɛ, obi wɔ kasa bi, obi wɔ adiyi anaasɛ obi wɔ nkyerɛase Momma ne nyinaa nyɛ nea ɛma nkɔso.


Ɛyɛ mo sɛ yereyi yɛn ano akyerɛ mo anaa? Onyankopɔn anim na yɛkasa Kristo mu; adɔfo, eyi nyinaa yɛka ma mo nkɔso.


Afei awiei, anuanom, makra mo. Monyɛ pɛ, momma mo werɛ nkyekye, munnya adwenkoro, montena asomdwoe mu, na ɔdɔ ne asomdwoe Nyankopɔn bedi mo akyi.


Na sɛ yɛyɛ mmerɛw, na mo de, moyɛ den a, yɛn ani gye; na mo pɛyɛ ho na yebɔ mpae.


ɛbɛyɛ dɛn na honhom som no mmom rennya anuonyam?


Saa nti, sɛ yɛnam Nyankopɔn mmɔborohunu so wɔ saa som yi nti, yɛmpa abaw,


Na eyinom nyinaa fi Nyankopɔn a ɔnam Kristo so apata atwe yɛn afam ne ho, na ɔde nkabom som dwumadi ama yɛn no;


Na yɛnto obiara hintidua na wɔannya mfomso biara wɔ yɛn som ho,


Afei sɛ yɛwɔ saa bɔhyɛ yi nti, adɔfo, momma yɛnhohoro yɛn ho mfi ɔhonam ne honhom mu fi nyinaa ho, na yɛawie yɛn ahotew Onyankopɔn suro mu.


a ɛne ne nipadua no, nea ɔhyɛ ade nyinaa ma wɔ nneɛma nyinaa mu no mayɛ.


Ne mu na nipadua no nyinaa ayɛ mua, esiane akwaa horow a aka atoatoam asisi so pɛpɛɛpɛ na biara yɛ n’adwuma yiye nti, na ɛma nipadua no nyin na ɛyɛn ne ho ɔdɔ mu.


Mommma asɛm a ɛmfra biara mmfi mo anom, na mmom asɛm a eye na ɛma nkɔso a ehia, na wɔde adom wɔn a wɔte no.


Efisɛ nipadua biako ne honhom biako na ɛwɔ hɔ, sɛnea wɔafrɛ mo nso, mo frɛ anidaso biako mu:


Afei m’ani gye amane a mihu mema mo no mu, na mehyɛ Kristo amanehunu, nea aka no ananmu, wɔ me honam mu mema ne nipadua a ɛyɛ asafo no


Ɔno na yɛbɔ dawuru, yɛkasa kyerɛ onipa biara, na yɛkyerɛkyerɛ nkorowankorowa biara nyansa nyinaa mu, sɛ yɛde onipa biara besi hɔ pɛpɛɛpɛ Kristo mu.


Na monka nkyerɛ Arkipo sɛ: Hwɛ ɔsom a woanya no Awurade mu no so na woawie no pɛpɛɛpɛ.


Na meda yɛn Awurade Kristo Yesu a ɔhyɛɛ me den no ase, sɛ wabu me ɔnokwafo de me ahyɛ ɔsom no mu.


Luka nko na ɔne me wɔ ha. Fa Marko ka wo ho bra, na oye ma me ɔsom mu.


Na wo de, ma w’ani nna hɔ ade nyinaa mu, mia w’ani hu amane, yɛ ɔsɛmpakafo adwuma, wie wo som no koraa.


Muntie mo mpanyimfo na mommrɛ mo ho ase mma wɔn, efisɛ wɔn na wɔwɛn mo kra sɛ wɔn a wobebu ho akontaa, na wɔde anigye ayɛ, na ɛnyɛ ahomegu; efisɛ eyi nyɛ mfaso biara mma mo.


Enti momma yɛmfa mfitiase nkyerɛkyerɛ a ɛfa Kristo ho no nto nkyɛn, na yɛmpere nkɔ nea ɛyɛ pɛ no mu, na yɛamfa nnwuma funu mu adwensakra ne Onyankopɔn ho gyidi,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan