Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Efesofo 4:11 - KYERƐW KRONKRON

11 Na ɔno na wama ebinom ayɛ asomafo, ebinom adiyifo, ebinom asɛmpakafo, ebinom ahwɛfo ne akyerɛkyerɛfo,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

11 Na ɔno na wama ebinom ayɛ asomafoɔ, ebinom adiyifoɔ, ebinom asɛmpakafoɔ, ebinom ahwɛfoɔ ne akyerɛkyerɛfoɔ,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Ɔno na ɔmaa ebinom yɛɛ asomafo, afoforo yɛɛ adiyifo, afoforo yɛɛ asɛmpakafo, na afoforo nso yɛɛ asɔfo ne akyerɛkyerɛfo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

11 Na ɔno na wama ebinom ayɛ asomafoɔ, ebinom adiyifoɔ, ebinom asɛmpakafoɔ, ebinom ahwɛfoɔ ne akyerɛkyerɛfoɔ,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Ɔno na ɔmaa ebinom yɛɛ asomafoɔ, afoforɔ yɛɛ adiyifoɔ, afoforɔ yɛɛ asɛmpakafoɔ, na afoforɔ nso yɛɛ asɔfoɔ ne akyerɛkyerɛfoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

11 Na ɔno na wama ebinom ayɛ asomafo, ebinom adiyifo, ebinom asɛmpakafo, ebinom ahwɛfo ne akyerɛkyerɛfo,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Efesofo 4:11
19 Iomraidhean Croise  

Na Israel nna bebree wɔ hɔ a wonni nokware Nyankopɔn no, na wonni ɔsɔfo a ɔkyerɛkyerɛ, na wonni mmara.


Na mɛma mo ahwɛfo sɛ me koma pɛ, na wɔde nhumu ne nimdeɛ ayɛn mo.


na monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wonni nea mahyɛ mo nyinaa so. Na hwɛ, me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de bɛkɔ akosi wiase awiei.


Nso asafo a ɛwɔ Antiokia no, na adiyifo ne akyerɛkyerɛfo bi wɔ mu, wɔne Barnaba ne Simeon a wɔfrɛ no Niger, ne Kireneni Lukio, ne Manaen a wɔtetew no ne ɔmansinhene Herode bom, ne Saulo.


Enti monhwɛ mo ho ne nguankuw nyinaa a Honhom Kronkron de mo asisi wɔn so ahwɛfo sɛ monyɛn Onyankopɔn asafo a ɔde n’ankasa mogya anya wɔn no yiye.


Na ade kyee no, yefi hɔ baa Kaesarea; na yɛkɔɔ ɔsɛmpakafo Filipo a ɔka baasɔn no ho fi kɔtenaa ne nkyɛn.


Sɛ ɛyɛ ɔsom a, ma ɔntena ɔsom no mu nsom. Sɛ ɔkyerɛkyerɛfo a, ma ɔntena kyerɛkyerɛ no mu nkyerɛkyerɛ.


Nanso adom akyɛde gu ahorow, nanso ɛyɛ Honhom koro no ara.


Wɔde mo asi asomafo ne adiyifo fapem a Kristo Yesu ankasa ne tweatibo titiriw no so.


a awo ntoatoaso bi mu, wɔamma nnipa mma anhu, sɛnea wɔayi adi nnansa yi akyerɛ n’asomafo ne adiyifo kronkron, wɔ honhom mu,


Enti ose: Ɔforo kɔɔ ɔsoro no, ɔde nnommum a ɔfae no kɔe, na ɔde akyɛde maa nnipa.


Na wo de, ma w’ani nna hɔ ade nyinaa mu, mia w’ani hu amane, yɛ ɔsɛmpakafo adwuma, wie wo som no koraa.


Na ɛbere a anka ɛsɛ sɛ moyɛ akyerɛkyerɛfo no, ehia mo bio sɛ wɔkyerɛkyerɛ mo Onyankopɔn nsɛm mu mfitiasesɛm, na moayɛ wɔn a ehia wɔn nufusu, na ɛnyɛ aduan a ɛyɛ den.


Na mo, adɔfo de, monkae nsɛm a yɛn Awurade Yesu Kristo asomafo aka ato hɔ no,


Ɔsoro ne mo, ahotefo ne asomafo ne adiyifo, momma mo bo ntɔ mo yam wɔ ne ho, efisɛ Onyankopɔn abu no atɛn ama mo.


Na kurow no fasu wɔ nnyinaso dumien a Oguammaa no asomafo dumien no din wowɔ so.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan