Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Efesofo 4:10 - KYERƐW KRONKRON

10 Ampa ara nea osian no ara ne nea ɔforoe nso tenaa ɔsorosoro nyinaa so na wahyɛ nneɛma nyinaa ma no.)

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

10 Ampa ara, deɛ ɔsianeeɛ no ara ne deɛ ɔsiane nso foro traa ɔsorosoro nyinaa so ama wahyɛ nnoɔma nyinaa ma no.)

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Enti nea ɔkɔɔ fam no ara na ɔkɔɔ ɔsoro a ɛboro wim nyinaa so, sɛnea ɔbɛhyɛ abɔde nyinaa ma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

10 Ampa ara, deɛ ɔsianeeɛ no ara ne deɛ ɔsiane nso foro traa ɔsorosoro nyinaa so ama wahyɛ nnoɔma nyinaa ma no.)

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Enti deɛ ɔkɔɔ fam no ara na ɔkɔɔ ɔsoro a ɛboro ewiem nyinaa so, sɛdeɛ ɔbɛhyɛ abɔdeɛ nyinaa ma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 Ampa ara nea osian no ara ne nea ɔforoe nso tenaa ɔsorosoro nyinaa so na wahyɛ nneɛma nyinaa ma no.)

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Efesofo 4:10
24 Iomraidhean Croise  

Nokware mise mo sɛ, awo ntoatoaso yi rentwam, gye sɛ eyinom nyinaa aba mu ansa.


Na osee wɔn sɛ: Eyi ne me nsɛm a me ne mo wɔ hɔ no, meka mekyerɛɛ mo no, sɛ etwa sɛ nea wɔakyerɛw Mose mmara ne Adiyifo ne Nnwom mu wɔ me ho no nyinaa ba mu.


Na efi ne mayɛ mu na yɛn nyinaa anya adom de abɔ adom so.


Ɛnna wosisee wɔn ho sɛ: Mommma yɛnnsunsuane mu, na momma yɛntwe so ntonto nhu nea ɛbɛyɛ ne dea. Na kyerɛwsɛm a ese: Wɔkyɛɛ me ntama mu fae, na m’atade so na wɔtwee so ntonto, no baa mu. Enti asraafo no na ɛyɛɛ eyinom.


Eyi akyi a Yesu hui sɛ wɔanya awie nneɛma nyinaa no, (sɛnea ɛbɛyɛ na kyerɛwsɛm no aba mu nti), ɔkae sɛ: Osukɔm de me.


Na wɔyɛɛ eyinom na kyerɛwsɛm a ese: Wommmu ne dompe bi, no aba mu.


na wɔkaa nso sɛ: Galilea mmarima, adɛn na mugyina ha rehwɛ ɔsoro yi? Yesu yi ara a wɔafa no mo nkyɛn kɔ ɔsoro yi, ɔbɛba saa ara, sɛnea muhu no sɛ ɔrekɔ ɔsoro yi.


Na ɔkaa eyinom wiei na wɔrehwɛ no no, wɔmaa no so, na omununkum gyee no fii wɔn anim.


Afei wɔmaa no so kɔɔ Onyankopɔn nifa, na onyaa Agya no nkyɛn Honhom Kronkron bɔhyɛ no nti na wahwie nea muhu na mote yi agu.


Na Onyankopɔn ama nea ɔnam n’adiyifo nyinaa anom ka too hɔ sɛ Kristo no behu amane no aba mu saa.


Minim onipa bi Kristo mu a, mfe dunan ni, wohwim no kɔɔ ɔsoro a ɛto so abiɛsa, (sɛ ɔwɔ ɔhonam mu oo, minnim, onni ɔhonam mu oo, minnim, Onyankopɔn na onim saa nipa no.


na moahu Kristo dɔ a ɛtra nhumu no, na Onyankopɔn mayɛ nyinaa ayɛ mo ma awie.


Efisɛ ɛsɔɔ Onyankopɔn ani sɛ ne mayɛ nyinaa bɛtena ne mu,


efisɛ Kristo mu na Onyame ankasa mayɛ nyinaa te nipadua mu,


Na ade a wɔpae mu ka sɛ ɛso ne onyamesom pa ahintasɛm no: Onyankopɔn yii ne ho adi ɔhonam mu, wobuu no bem honhom mu, oyii ne ho kyerɛɛ abɔfo, wɔkaa ne ho asɛm amanaman mu, wogyee no dii ewiase, wɔfaa no kɔɔ ɔsoro, anuonyam mu.


Enti, sɛ yɛwɔ ɔsɔfo panyin kɛse a watwa ɔsoro mu, Yesu, Onyankopɔn Ba no yi, momma yenso yɛn gyidi asɛm a yegyina so ka no mu dennennen.


Na ɔsɔfo panyin a ɔfata yɛn ne saa ɔsɔfo panyin yi a ne ho tew, onni bɔne, ne ho nni nkekae, wɔayi no afi nnebɔneyɛfo ho, na wɔama no so akyɛn ɔsoro.


Na nsɛm a yɛreka yi mu titiriw ni: Yɛwɔ saa ɔsɔfo panyin a wakɔtena tumi kɛse ahengua no nifa, ɔsoro


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan