Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Efesofo 3:9 - KYERƐW KRONKRON

9 na memma nnipa nyinaa nhu ahintasɛm a efi tete mmere so hintawee wɔ Onyankopɔn a ɔbɔɔ ade nyinaa no mu no ho adwuma no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 na memma nnipa nyinaa nhunu ahuntasɛm a ɛfiri tete berɛ so huntaa wɔ Onyankopɔn a ɔbɔɔ nnoɔma nyinaa no mu no ho dwumadie no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 na memma nnipa nyinaa nhu saa ahintasɛm yi dwumadi a wɔde asie wɔ Onyankopɔn a ɔbɔɔ ade nyinaa mu wɔ mfe bebree a atwa mu no mu no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

9 na memma nnipa nyinaa nhunu ahuntasɛm a ɛfiri tete berɛ so huntaa wɔ Onyankopɔn a ɔbɔɔ nnoɔma nyinaa no mu no ho dwumadie no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 na memma nnipa nyinaa nhunu saa ahintasɛm yi dwumadie a wɔde asie wɔ Onyankopɔn a ɔbɔɔ adeɛ nyinaa mu wɔ mfeɛ bebree a atwam no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 na memma nnipa nyinaa nhu ahintasɛm a efi tete mmere so hintawee wɔ Onyankopɔn a ɔbɔɔ ade nyinaa no mu no ho adwuma no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Efesofo 3:9
38 Iomraidhean Croise  

AWURADE de n’asɛm na ɛyɛɛ ɔsoro, na ɔde n’anom honhom yɛɛ emu asafo nyinaa.


Sɛnea AWURADE, wo dimafo ne nea ɔnwenee wo fii yafunu mu no se ni: Me, AWURADE, mene nea ɔyɛ ade nyinaa, nea ɔtwe ɔsoro mu no, me nko ara, nea ɔtrɛw asase mu no, na obi nka me ho;


Nea meka mekyerɛ mo esum mu no, monka no hann mu, na nea mote no mo asom no, mompae mu nka no adan atifi.


Eyi ma nea odiyifo no kae no ba mu sɛ: Mebue m’ano mmebu mu; na mɛpae nsɛm a ahintaw fi wiase asefi no mu maka.


Ɛno na ɔhene bese wɔn a wɔwɔ ne nifa no sɛ: Mo a m’agya ahyira mo, mommra mmɛfa ahenni a wɔasiesie ama mo fi wiase mfiase no nni!


Enti monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafo, na mommɔ wɔn asu nhyɛ Agya ne Ɔba ne Honhom Kronkron din mu,


na wɔafa ne din so akɔka adwensakra ne bɔnefakyɛ amansan nyinaa mu, na wobefi ase wɔ Yerusalem.


Me ne agya no yɛ baako.


Na obuaa wɔn sɛ: M’Agya gu so yɛ adwuma besi sesɛɛ, na me nso meyɛ adwuma.


Ɛnna Yesu bua see wɔn sɛ: Mereka akyerɛ mo nokware mu pa ara sɛ, Ɔba no ankasa ntumi mmɔ ne tirim nyɛ hwee, gye nea wahu Agya no sɛ ɔyɛ; efisɛ biribiara a Ɔno yɛ no, ɛno ara na Ɔba no nso yɛ.


Awurade a ɔma wohuu eyinom nyinaa fi wiase asefi no na ɔka.


Na, anuanom, mempɛ sɛ mekora mo ahintasɛm yi so, na moammu mo ho anyansafo. Ɛne sɛ komapirim aba Israel afaafa mu, de kosi sɛ amanaman mufo bewie mayɛ;


na mmom yɛka Onyankopɔn nyansa ahintasɛm mu, nyansa a wɔde siei a Onyankopɔn de too hɔ maa yɛn anuonyam ansa na wɔrehyɛ wiase ase.


sɛnea oyii yɛn wɔ ɔdɔ mu Kristo mu ansa na wɔhyɛ wiase ase, sɛ yɛnyɛ ahotefo ne nnipa a wɔn ho nni asɛm n’anim.


sɛ ebia moate ofie-hwɛ adwuma a Onyankopɔn adom a mo nti wɔde adom me no,


ɛne me nso, sɛ, mibue m’ano a, wɔmma me asɛm menka, na memfa nnam minyi asɛmpa no ahintasɛm menkyerɛ.


nanso gye sɛ mokɔ so ara tena gyidi mu, gyina mo fapem no so pintinn a momma wontwe mo mfi asɛmpa no anidaso a motee a wɔaka no wiase abɔde nyinaa mu, a me Paulo mayɛ ho somfo no.


Yiw, ahintasɛm no a efi mmeresanten ne awo ntoatoaso no so hintawee no, afei wayi no adi akyerɛ ahotefo


Na moawu, na wɔde mo nkwa aka Kristo ho ahintaw Onyankopɔn mu;


Na mommɔ mpae mma yɛn nso bi, na Onyankopɔn nhiɛ asɛm no pon mma yɛn, na yɛaka Kristo ahintasɛm a enti meda afiase yi,


Na yɛn de, mo nti ɛsɛ sɛ yɛda Onyankopɔn ase daa, anuanom a Awurade dɔ mo, efisɛ Onyankopɔn afi mfiase ayi mo kɔ nkwagye mu, honhom ahotew ne nokware gyidi mu.


Na ade a wɔpae mu ka sɛ ɛso ne onyamesom pa ahintasɛm no: Onyankopɔn yii ne ho adi ɔhonam mu, wobuu no bem honhom mu, oyii ne ho kyerɛɛ abɔfo, wɔkaa ne ho asɛm amanaman mu, wogyee no dii ewiase, wɔfaa no kɔɔ ɔsoro, anuonyam mu.


Ɔno na wagye yɛn, na ɔde ɔfrɛ kronkron afrɛ yɛn, ɛnyɛ yɛn nnwuma nti, na mmom ne tirim agyina ne adom a wɔde adom yɛn Kristo Yesu mu fi teteete


Na Awurade gyinaa m’akyi, na ɔhyɛɛ me den, na wɔafa me so awie asɛnka no, na amanaman nyinaa ate; na woyii me gyata anom.


daa nkwa anidaso so, nkwa a Onyankopɔn a onni atoro no de fi teteete hyɛɛ bɔ,


Ɔno na woyii no siei ansa na wɔhyɛɛ wiase ase, na wɔayi no akyerɛ, bere a edi akyiri yi mu ama mo


Na wɔn a wɔte asase so nyinaa bɛkotow no, wɔn a wɔamfi wiase asehyɛ ankyerɛw wɔn din oguammaa a wokum no no nkwa nhoma mu no.


Na mihuu ɔbɔfo foforo a otu nam ɔsoro mfinimfini a okura daa asɛmpa bi rekɔka akyerɛ wɔn a wɔte asase so, ne aman ne mmusuakuw ne kasa ne nkurɔfo nyinaa,


Aboa a wuhuu no no, da bi na ɔwɔ hɔ, na afei de, onni hɔ, na obefi bun no mu aba, na wabɛsen akɔ ɔsɛe mu. Na ɛbɛyɛ wɔn a wɔtete asase so a wɔamfi wiase asehyɛ ankyerɛw wɔn din nkwa nhoma mu no nwonwa sɛ wobehu aboa no, sɛ da bi na ɔwɔ hɔ, na afei de, onni hɔ, nanso ɔwɔ hɔ ara.


Awurade, wofata sɛ wugye anuonyam ne nidi ne tumi, efisɛ wo na wobɔɔ nneɛma nyinaa, na wo pɛ nti na wɔwɔ hɔ na wɔbɔe.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan