Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Efesofo 3:7 - KYERƐW KRONKRON

7 Ɛno ho na wɔayɛ me somfo, sɛnea Onyankopɔn adom akyɛde a wɔde akyɛ me, ne tumi adwumayɛ no so, te no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 Ɛno ho na wɔayɛ me somfoɔ, sɛdeɛ Nyankopɔn adom akyɛdeɛ a wɔde akyɛ me, ne tumi adwumayɛ no soɔ, teɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Onyankopɔn dom akyɛde a ɔnam ne tumi so yɛ adwuma wɔ yɛn mu nti, meyɛɛ asɛmpa no ho somfo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

7 Ɛno ho na wɔayɛ me somfoɔ, sɛdeɛ Nyankopɔn adom akyɛdeɛ a wɔde akyɛ me, ne tumi adwumayɛ no soɔ, teɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Onyankopɔn adom akyɛdeɛ a ɔnam ne tumi no adwumayɛ so de ama me no enti, me yɛɛ asɛmpa no ho ɔsomfoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 Ɛno ho na wɔayɛ me somfo, sɛnea Onyankopɔn adom akyɛde a wɔde akyɛ me, ne tumi adwumayɛ no so, te no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Efesofo 3:7
22 Iomraidhean Croise  

Mene Nyankopɔn, na efi nnɛ nso, mene no, na obi nni hɔ a oyi fi me nsam; mɛyɛ ade, na hena na ɔbɛdan ani?


Ɛnna Awurade ka kyerɛɛ Anania sɛ: Kɔ ara, na oyi ne nea a mayi no a ɔbɛsoa me din akɔ amanaman ne ahene ne Israel mma anim.


a yɛnam no so anya adom ne asomafodwuma de rebrɛ amanaman nyinaa aso ase ama gyidi, ne din nti;


Na menam ɔdom a wɔde adom me no so meka mekyerɛ mo mu biara sɛ onnnwen nntra nea ɛsɛ sɛ odwen, na mmom onnwen anidahɔ adwene, sɛnea Onyankopɔn asusuw gyidi akyekyɛ de ama obiara no.


sɛ menyɛ Yesu Kristo somfo amanaman no mu, menkɔyɛ Onyankopɔn asɛmpa no ho asɔfodwuma, na amanaman mufo nyɛ afɔre a ɛyɛ dɛ a wɔatew ho Honhom Kronkron mu.


na Onyankopɔn adom nti na mete sɛnea mete yi, na n'adom a ɔde dom me no anyɛ ɔkwa, na mmom meyɛ adwuma bebree mesen wɔn nyinaa, nanso ɛnyɛ me, na mmom ɛyɛ Onyankopɔn adom a ɛka me ho no nti.


Na Apolo ne hena? Paulo ne hena? Wɔyɛ asomfo a monam wɔn so agye adi, na wɔn mu biara wɔ nea Awurade de ama no.


Ɔno na wama yɛafata sɛ apam foforo asomfo, ɛnyɛ nkyerɛwee mu, na mmom honhom mu; efisɛ nkyerɛwee de, ekum, na honhom de, ɛma nkwa.


Saa nti, sɛ yɛnam Nyankopɔn mmɔborohunu so wɔ saa som yi nti, yɛmpa abaw,


(na nea ɔnam Petro so dii dwuma twetiatwafo mu somafosom mu no nam me nso so yɛ ade amanaman mufo mu).


Afei nso, ɔmma mo ne tumi kɛse a ɛboro so ma yɛn a yegye di, sɛnea n’ahoɔden tumi adeyɛ


sɛ ebia moate ofie-hwɛ adwuma a Onyankopɔn adom a mo nti wɔde adom me no,


Na nea otumi yɛ ma ɛtra ade nyinaa, ma no ɛboro so kyɛn nea yɛsrɛ anaasɛ yesusuw, sɛnea tumi a ɛyɛ yɛn mu adwuma no te no,


Me a mene ahotefo nyinaa mu akumaa na wɔde adom yi adom me, sɛ menka Kristo ahonya a emu nni hwehwɛbea no ho asɛmpa menkyerɛ amanaman mufo,


Ne mu na nipadua no nyinaa ayɛ mua, esiane akwaa horow a aka atoatoam asisi so pɛpɛɛpɛ na biara yɛ n’adwuma yiye nti, na ɛma nipadua no nyin na ɛyɛn ne ho ɔdɔ mu.


Ɛno ho nso na meyɛ adwuma mebrɛ, na midi apere, sɛnea n’ahoɔden adwuma a ɔyɛ me mu tumi so no te.


Eyi nti nso yɛda Onyankopɔn ase daa, efisɛ munyaa Onyankopɔn asɛm no fii yɛn nkyɛn no, mugyei, ɛnyɛ sɛ nnipa asɛm, na mmom sɛ Onyankopɔn asɛm, sɛnea ɛte ampa, ɔno nso na ɔyɛ mo a mugye di no mu adwuma kɛse.


onsiesie mo adepa biara mu mma monyɛ nea ɔpɛ, na ɔmfa Yesu Kristo so nyɛ mo mu ade a ɛsɔ n’ani. Ɔno na anuonyam wɔ no daa daa. Amen.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan