Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Efesofo 3:5 - KYERƐW KRONKRON

5 a awo ntoatoaso bi mu, wɔamma nnipa mma anhu, sɛnea wɔayi adi nnansa yi akyerɛ n’asomafo ne adiyifo kronkron, wɔ honhom mu,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 a awoɔ ntoatoasoɔ bi mu, wɔamma nnipa mma anhunu, sɛdeɛ wɔayi no adi nnansa yi akyerɛ n’asomafoɔ ne adiyifoɔ kronkron, wɔ honhom mu,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 nea wɔanyi ankyerɛ awo ntoatoaso bi mu nnipa sɛnea nnɛ yi Honhom no ada no adi akyerɛ Onyankopɔn asomafo ne adiyifo akronkron no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

5 a awoɔ ntoatoasoɔ bi mu, wɔamma nnipa mma anhunu, sɛdeɛ wɔayi no adi nnansa yi akyerɛ n’asomafoɔ ne adiyifoɔ kronkron, wɔ honhom mu,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 deɛ wɔannyi ankyerɛ awoɔ ntoatoasoɔ bi mu nnipa sɛdeɛ ɛnnɛ yi Honhom no ada no adi akyerɛ Onyankopɔn asomafoɔ ne adiyifoɔ kronkron no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 a awo ntoatoaso bi mu, wɔamma nnipa mma anhu, sɛnea wɔayi adi nnansa yi akyerɛ n’asomafo ne adiyifo kronkron, wɔ honhom mu,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Efesofo 3:5
24 Iomraidhean Croise  

saa ara na ɔbɛma amanaman pii abobɔ piriw, na ahene bemuamua wɔn ano wɔ ne ho, efisɛ nea wɔnka nkyerɛɛ wɔn no, wohu, na nea wɔntee da no, wɔte ase.


Na nokware mise mo sɛ, adiyifo ne atreneefo pii pɛe sɛ wohu nea muhu yi, na wɔte nea mote yi, nanso wɔanhu, na wɔante nso.


Wɔka kyerɛɛ no sɛ: Obi mmɔɔ yɛn paa ɛ. Osee wɔn sɛ: Mo nso monkɔ bobe turom hɔ!


Hwɛ, eyi nti na meresoma adiyifo ne anyansafo ne Kyerɛwfo aba mo nkyɛn, na mubekum wɔn mu bi abɔ wɔn asɛnnua mu na moaka wɔn mu binom mpire mo hyiadan mu, na moataa wɔn afi kurow mu akɔ kurow mu;


na mise mo sɛ, adiyifo ne ahene bebree pɛe sɛ anka wohu nneɛma a muhu yi, na wɔanhu, na wɔte nneɛma a mote yi, na wɔante.


Eyi nti nso na Onyankopɔn nyansa no se: Mɛsoma adiyifo ne asomafo akɔ wɔn mu, na wɔakum na wɔataa wɔn mu binom,


na okyigyinafo a ɔne Honhom Kronkron a m’Agya bɛsoma no me din mu no, ɔno na ɔbɛkyerɛ mo nneɛma nyinaa, na ɔbɛkae mo nea maka mo nyinaa.


Na sɛ ɔno, nokware Honhom no nya ba a, ɔbɛkyerɛ mo kwan akɔ nokware no nyinaa mu. Na emfi n’ankasa mu na ɔbɛkasa, na biribiara a ɔbɛte no, ɔbɛka, na ɔbɛkyerɛ mo nneɛma a ɛreba.


Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mo ara munim sɛnea Yudani nni ho kwan sɛ ɔde ne ho bɔ ɔnanani ho anaasɛ ɔkɔ ne nkyɛn; na me de, Onyankopɔn akyerɛ me sɛ memmfrɛ onipa bi sɛ ɔmfra anaasɛ ne ho ntew.


Nea otumi sɛ ɔhyɛ mo den, sɛnea m’asɛmpa ne Yesu Kristo ho asɛnka te, sɛnea ahintasɛm a kan teteete no wɔanka,


Na yɛn na Onyankopɔn nam ne honhom so ayi akyerɛ yɛn; efisɛ Honhom no pɛɛpɛɛ ade nyinaa mu, Onyankopɔn nneɛma a emu dɔ no nso.


Wɔde mo asi asomafo ne adiyifo fapem a Kristo Yesu ankasa ne tweatibo titiriw no so.


na memma nnipa nyinaa nhu ahintasɛm a efi tete mmere so hintawee wɔ Onyankopɔn a ɔbɔɔ ade nyinaa no mu no ho adwuma no,


sɛ monkae nsɛm a adiyifo kronkron no aka ato hɔ, ne yɛn a yɛyɛ mo asomafo ahyɛde a ɛyɛ Awurade ne Agyenkwa de no.


Na mo, adɔfo de, monkae nsɛm a yɛn Awurade Yesu Kristo asomafo aka ato hɔ no,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan