Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Efesofo 3:3 - KYERƐW KRONKRON

3 sɛ ɔnam adiyi so ma mihuu ahintasɛm no, sɛnea makyerɛw no tiaam dedaw no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 sɛ ɔnam adiyie so maa mehunuu ahuntasɛm no, sɛdeɛ matwerɛ no tiawa mu dada no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 a ɛno ne ahintasɛm a wɔnam adiyi so de ama sɛnea makyerɛw no tiaa dedaw no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 sɛ ɔnam adiyie so maa mehunuu ahuntasɛm no, sɛdeɛ matwerɛ no tiawa mu dada no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 a ɛno ne ahintasɛm a wɔnam adiyie so de ama sɛdeɛ matwerɛ no tiawa dada no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 sɛ ɔnam adiyi so ma mihuu ahintasɛm no, sɛnea makyerɛw no tiaam dedaw no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Efesofo 3:3
23 Iomraidhean Croise  

Na ɛbae sɛ mesan mebaa Yerusalem na merebɔ mpae asɔrefi no, m'ani wiaa me ma mekɔɔ tebea foforo mu,


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Kɔ, na mɛsoma wo mafi ha akɔ akyirikyiri, amanaman mu.


Na wɔteɛteɛɛm kɛse, na kyerɛwfo a wɔwɔ Farisifo fa mu no sɔre kasakasae sɛ: Yenhu bɔne bi onipa yi mu; na sɛ honhom anaa ɔbɔfo akasa akyerɛ no ɛ?


Na, anuanom, mempɛ sɛ mekora mo ahintasɛm yi so, na moammu mo ho anyansafo. Ɛne sɛ komapirim aba Israel afaafa mu, de kosi sɛ amanaman mufo bewie mayɛ;


Nea otumi sɛ ɔhyɛ mo den, sɛnea m’asɛmpa ne Yesu Kristo ho asɛnka te, sɛnea ahintasɛm a kan teteete no wɔanka,


Ahohoahoa ho hia; ɛwom sɛ enye mma hwee; nanso mɛka Awurade anisoadehu ne adiyi ho asɛm.


efisɛ ɛnyɛ nnipa nkyɛn na migyee no, nso wɔamfa ankyerɛkyerɛ me, na mmom Yesu Kristo na ɔdaa no adi kyerɛɛ me.


Mebɔ mpae sɛ yɛn Awurade Yesu Kristo Nyankopɔn, anuonyam Agya no, mma mo nyansa ne adiyi honhom wɔ ne ho nimdeɛ mu,


Sɛ mokenkan a, mode behu ntease a mewɔ Kristo ahintasɛm no ho


sɛ amanaman mufo nso bɛyɛ adedifo ne nipadua koro no ara bi, na wɔnam asɛmpa no so anya kyɛfa ne bɔhyɛ no ho bi Kristo Yesu mu.


na memma nnipa nyinaa nhu ahintasɛm a efi tete mmere so hintawee wɔ Onyankopɔn a ɔbɔɔ ade nyinaa no mu no ho adwuma no,


ɛne me nso, sɛ, mibue m’ano a, wɔmma me asɛm menka, na memfa nnam minyi asɛmpa no ahintasɛm menkyerɛ.


sɛ wonnya nea ɛka wɔn koma to wɔn yam, ɛne sɛ wɔnyɛ biako ɔdɔ mu nnya ntease a wɔasi so dua ahonya nyinaa, na wɔahu Onyankopɔn ahintasɛm a ɛne Kristo no mu.


Na mommɔ mpae mma yɛn nso bi, na Onyankopɔn nhiɛ asɛm no pon mma yɛn, na yɛaka Kristo ahintasɛm a enti meda afiase yi,


Anuanom, mesrɛ mo sɛ, muntie afotusɛm yi; efisɛ makyerɛw no nsɛntiaa bi mamena mo.


Menam onua nokwafo Silwano so, sɛnea mebu no no, makyerɛw nsɛntiaa yi mabrɛ mo, mede mitu mo fo na midi adanse sɛ eyi ne Nyankopɔn nokware adom a moabegyina mu yi.


na mummu yɛn Awurade abodwokyɛre no sɛ nkwagye, sɛnea yɛn nua dɔfo Paulo nso de ne nyansa a wɔde ama no kyerɛw mo no,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan