Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Efesofo 3:2 - KYERƐW KRONKRON

2 sɛ ebia moate ofie-hwɛ adwuma a Onyankopɔn adom a mo nti wɔde adom me no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 sɛ ebia moate ofiehwɛ-adwuma a Nyankopɔn adom a mo nti wɔde adom me no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Nokware mu, moate Onyankopɔn adom a ɔnam me so de ma mo no ho asɛm,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 sɛ ebia moate ofiehwɛ-adwuma a Nyankopɔn adom a mo nti wɔde adom me no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Nokorɛm, moate Onyankopɔn adom a ɔnam me so de ma mo no ho asɛm,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 sɛ ebia moate ofie-hwɛ adwuma a Onyankopɔn adom a mo nti wɔde adom me no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Efesofo 3:2
27 Iomraidhean Croise  

Na wɔresom Awurade na wɔredi mmuada no, Honhom Kronkron kae sɛ: Munyi Barnaba ne Saulo mma me nkɔ adwuma a enti mafrɛ wɔn no mu.


Na Paulo ne Barnaba de akokoduru kae sɛ: Ehia sɛ anka wɔka Onyankopɔn asɛm no kyerɛ mo kan; na esiane sɛ musum kyene na mubu mo ho sɛ monsɛ daa nkwa yi, hwɛ, yɛdan kɔ amanaman no nkyɛn.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Kɔ, na mɛsoma wo mafi ha akɔ akyirikyiri, amanaman mu.


Ɛnna Awurade ka kyerɛɛ Anania sɛ: Kɔ ara, na oyi ne nea a mayi no a ɔbɛsoa me din akɔ amanaman ne ahene ne Israel mma anim.


a yɛnam no so anya adom ne asomafodwuma de rebrɛ amanaman nyinaa aso ase ama gyidi, ne din nti;


Na mo amanaman mufo na mekasa mekyerɛ mo: Esiane sɛ meyɛ amanaman mu somafo nti, mekamfo me som,


Na menam ɔdom a wɔde adom me no so meka mekyerɛ mo mu biara sɛ onnnwen nntra nea ɛsɛ sɛ odwen, na mmom onnwen anidahɔ adwene, sɛnea Onyankopɔn asusuw gyidi akyekyɛ de ama obiara no.


Momma obiara mmu yɛn sɛ Kristo asomfo ne Nyankopɔn ahintasɛm so ahwɛfo.


Na moate abrabɔ a kan no na mebɔ no wɔ Yudafo som mu, sɛnea metaataa Onyankopɔn asafo maa no boroo so, na mesɛee wɔn,


Ɔde kyerɛɛ sɛ bere awie du sɛ wɔbɛka nneɛma nyinaa abom bio Kristo mu, mekyerɛ nea ɛwɔ ɔsoro ne nea ɛwɔ asase so nyinaa.


Ɛno ho na wɔayɛ me somfo, sɛnea Onyankopɔn adom akyɛde a wɔde akyɛ me, ne tumi adwumayɛ no so, te no.


Me a mene ahotefo nyinaa mu akumaa na wɔde adom yi adom me, sɛ menka Kristo ahonya a emu nni hwehwɛbea no ho asɛmpa menkyerɛ amanaman mufo,


na memma nnipa nyinaa nhu ahintasɛm a efi tete mmere so hintawee wɔ Onyankopɔn a ɔbɔɔ ade nyinaa no mu no ho adwuma no,


sɛ ampa sɛ moate ne ho asɛm, na wɔakyerɛkyerɛ mo ne mu, sɛnea Yesu mu nokware te no.


Na wɔde adom adom yɛn nyinaa mmiako mmiako, sɛnea Kristo asusuw n’akyɛde ama no.


efisɛ yɛate mo Kristo Yesu mu gyidi ne mo dɔ a mode dɔ ahotefo nyinaa,


Asɛmpa no aba mo nkyɛn, sɛnea ɛwɔ wiase nyinaa nso, na ɛresow aba na ɛkɔ so nyin, sɛnea ɛte wɔ mo mu nso fi da a motee na muhuu Nyankopɔn adom nokware mu no,


sɛnea nhyira Nyankopɔn anuonyam asɛmpa a wɔde ahyɛ me nsa no te no.


nso wonntie anansesɛm ne anato a enni awiei a ɛho wɔ nsɛmmisa mmom sen Onyankopɔn fiehwɛ a ɛwɔ gyidi mu no.


Ɛno na wɔabɔ din ahyɛ me ɔsɛnkafo ne somafo (meka nokware, minni atoro), amanaman kyerɛkyerɛfo, gyidi ne nokware mu.


Ɛno na wɔabɔ din ahyɛ me ɔsɛnkafo ne ɔsomafo ne ɔkyerɛkyerɛfo.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan